< Yosua 8 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo.
Og Herren sa til Josva: Frykt ikke og vær ikke redd, ta med dig alt krigsfolket, gjør dig rede og dra op mot Ai! Se, jeg har gitt kongen i Ai og hans folk og hans by og hans land i din hånd.
2 Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.”
Og du skal gjøre med Ai og dets konge som du gjorde med Jeriko og dets konge; bare hærfanget og feet der kan I ta for eder selv. Legg nu et bakhold mot byen, på vestsiden!
3 Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo,
Da gjorde Josva og alt krigsfolket sig rede til å dra op mot Ai, og Josva utvalgte tretti tusen mann, djerve stridsmenn, og sendte dem avsted om natten.
4 hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko.
Og han bød dem og sa: Nu skal I legge eder i bakhold mot byen, på vestsiden, ikke meget langt fra byen, og hold eder rede alle sammen!
5 Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane.
Men jeg og alt det folk som er med mig, vil dra nær innimot byen, og når de da drar ut mot oss likesom første gang, vil vi flykte for dem.
6 Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’
Og de vil dra ut efter oss til vi får lokket dem bort fra byen; for de vil tenke: De flykter for oss likesom første gang. Men mens vi flykter for dem,
7 Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de bɛma mo.
skal I reise eder fra bakholdet og innta byen, og Herren eders Gud skal gi den i eders hånd.
8 Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”
Og når I har inntatt byen, skal I sette ild på den; I skal gjøre efter Herrens ord. Se, jeg har nu sagt eder hvad I skal gjøre.
9 Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no.
Så sendte Josva dem avsted, og de gikk og la sig i bakhold mellem Betel og Ai, vestenfor Ai; men Josva selv blev den natt midt iblandt folket.
10 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho.
Morgenen efter stod Josva tidlig op og mønstret folket; og han og Israels eldste drog foran folket op til Ai.
11 Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam.
Og alt krigsfolket som var med ham, drog op og rykket frem til de kom midt foran byen, og de slo leir nordenfor Ai med dalen mellem sig og Ai.
12 Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam.
Så tok han omkring fem tusen mann og la dem i bakhold mellem Betel og Ai, vestenfor byen,
13 Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no.
og de fylket krigsfolket, både hele leiren som var nordenfor byen, og den del som lå i bakhold vestenfor byen, og Josva gikk samme natt midt ned i dalen.
14 Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi.
Da kongen i Ai så dette, skyndte byens menn sig, han selv og hele hans folk, og drog tidlig om morgenen ut til strid mot Israel, til det fastsatte sted foran ødemarken; men han visste ikke at det lå et bakhold mot ham vestenfor byen.
15 Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so,
Og Josva og hele Israel lot sig slå av dem og flyktet bortimot ørkenen.
16 enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu.
Da blev alt folket som var i byen, ropt sammen til å forfølge dem, og de forfulgte Josva og kom således lenger og lenger bort fra byen.
17 Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ.
Det blev ikke en mann tilbake i Ai og Betel; for de drog alle ut efter Israel; de lot byen ligge åpen efter sig og forfulgte Israel.
18 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no.
Da sa Herren til Josva: Rekk spydet som du har i din hånd, ut mot Ai! For jeg vil gi byen i din hånd! Så rakte Josva spydet som han hadde i sin hånd, ut imot byen.
19 Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya.
Og med det samme han rakte sin hånd ut, reiste bakholdet sig fra sin plass og sprang avsted, og de kom inn i byen og inntok den, og de skyndte sig og satte ild på byen.
20 Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn.
Da nu Ai-mennene vendte sig om, blev de var røken fra byen, som steg op imot himmelen, og de var ikke i stand til å flykte hverken hit eller dit, fordi de krigsfolk som var flyktet til ørkenen, nu vendte sig mot forfølgerne.
21 Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so.
For da Josva og hele Israel så at bakholdet hadde inntatt byen, og at røken steg op fra byen, vendte de om og slo Ai-mennene.
22 Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara.
Og de andre drog ut av byen imot dem, så de kom midt imellem israelittene og fikk dem omkring sig på begge sider. Så slo de dem og levnet dem ikke nogen som slapp unda eller blev frelst.
23 Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua.
Men kongen i Ai blev tatt levende og ført til Josva.
24 Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa.
Og da Israel hadde slått ihjel alle Ais innbyggere på slagmarken, ute i ørkenen, dit de hadde forfulgt dem, og de alle sammen var falt for sverdets egg til siste mann, da vendte hele Israel tilbake til Ai og slo alle som var der, med sverdets egg.
25 Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu.
Og de som falt på den dag, menn og kvinner, var tolv tusen, alle Ais innbyggere.
26 Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa.
Josva tok ikke til sig igjen hånden som han hadde rakt ut med spydet, før han hadde slått alle Ais innbyggere med bann.
27 Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no.
Bare feet og hærfanget i denne by tok Israel for sig selv efter Herrens ord, som han hadde talt til Josva.
28 Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ.
Og Josva brente op Ai og gjorde den til en grushaug for alle tider, til et øde sted, som den har vært til denne dag.
29 Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Og kongen i Ai lot han henge op på et tre, og der blev han hengende til om aftenen; men da solen gikk ned, bød Josva dem ta hans døde legeme ned av treet og kaste det ved inngangen til byens port, og de kastet en stor stenrøs sammen over ham; den er der den dag idag.
30 Yosua sii afɔrebukyia maa Awurade, Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so.
Ved denne tid bygget Josva et alter for Herren, Israels Gud, på Ebal-fjellet,
31 Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade wɔ afɔrebukyia no so.
således som Moses, Herrens tjener, hadde befalt Israels barn, efter det som står skrevet i Mose lovbok, et alter av hele stener, som det ikke hadde vært brukt jern på; og på det ofret de brennoffer for Herren og slaktet takkoffer.
32 Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no.
Og han skrev der på stenene en avskrift av Mose lov, den lov som Moses hadde skrevet for Israels barns åsyn.
33 Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ.
Og hele Israel med sine eldste og tilsynsmenn og sine dommere stod på begge sider av arken midt imot de levittiske prester, som bar Herrens pakts-ark, hele Israel, både de fremmede og de innfødte, den ene halvdel av dem mot Garisim-fjellet, og den andre halvdel mot Ebal-fjellet, således som Moses, Herrens tjener, før hadde befalt å velsigne Israels folk.
34 Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn.
Derefter leste han op alle lovens ord, velsignelsen og forbannelsen, i ett og alt således som skrevet er i lovens bok.
35 Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.
Det var ikke et ord av alt det Moses hadde befalt, som Josva ikke leste op for hele Israels menighet med kvinner og barn og for de fremmede som fulgte med dem.

< Yosua 8 >