< Yosua 6 >

1 Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi.
Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi.
2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa.
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa.
3 Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia.
Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia.
4 Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no.
Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no.
5 Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”
Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.”
6 Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Awurade Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.”
Na Yosua frɛɛ asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Apam Adaka no na mo mu baason nni anim a wokurakura mmɛn.”
7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi Awurade adaka no anim.”
Enti, ɔhyɛɛ nnipa no se, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wokurakura akode no bedi Awurade adaka no anim.”
8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi.
Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wiei no, asɔfo baason a wokurakura mmɛn no fii ase bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi.
9 Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no.
Wɔn a wokurakura akode no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfo no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wɔso Adaka no akyi, bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no.
10 Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.”
Yosua hyɛe se, “Monnteɛ mu na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfi mo anum, kosi sɛ mɛka akyerɛ mo se monteɛ mu na moateɛ mu.”
11 Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no.
Enti, da no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no.
12 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no bio.
Ade kyee no Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa Awurade Adaka no bio.
13 Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no.
Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no.
14 Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
Da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ atenae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
15 Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson.
Da a ɛto so ason no, Israelfo no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiae, sɛnea wɔayɛ dedaw no. Nanso, saa bere yi de, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mpɛn ason.
16 Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na Awurade de kuropɔn no ama mo!
Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na Awurade de kuropɔn no ama mo!
17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade. Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban.
Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔde ma Awurade. Oguamanfo Rahab ne ne fifo nko na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn, efisɛ ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban.
18 Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.
Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.
19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.”
Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekorabea hɔ.”
20 Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ.
Bere a nnipa no tee mmɛn no nnyigyei no, wɔteɛteɛɛ mu denneennen sɛnea wobetumi. Prɛko pɛ Yeriko afasu no dwiriw guu fam maa Israelfo no fi afanan nyinaa tow hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfae.
21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara.
Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara.
22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.”
Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.”
23 Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ.
Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae.
24 Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu.
Afei, Israelfo no hyew kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhyew no yɛ nea wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ. Wɔde ne nyinaa kosiee Awurade fi adekoradan mu.
25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ.
Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ.
26 Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”
Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ebefi ase, na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.”
27 Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.
Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.

< Yosua 6 >