< Yosua 5 >

1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.
When all the kings of the Amorites, who were beyond the Jordan westward, and all the kings of the Canaanites, who were by the sea, heard how the LORD had dried up the waters of the Jordan from before the children of Israel until we had crossed over, their heart melted, and there was no more spirit in them, because of the children of Israel.
2 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.”
At that time, the LORD said to Joshua, “Make flint knives, and circumcise again the sons of Israel the second time.”
3 Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia wɔ Aaralot kokoɔ so.
Joshua made himself flint knives, and circumcised the sons of Israel at the hill of the foreskins.
4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so.
This is the reason Joshua circumcised them: all the people who came out of Egypt, who were males, even all the men of war, died in the wilderness along the way, after they came out of Egypt.
5 Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.
For all the people who came out were circumcised; but all the people who were born in the wilderness along the way as they came out of Egypt had not been circumcised.
6 Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no.
For the children of Israel walked forty years in the wilderness until all the nation, even the men of war who came out of Egypt, were consumed, because they did not listen to the LORD’s voice. The LORD swore to them that he would not let them see the land which the LORD swore to their fathers that he would give us, a land flowing with milk and honey.
7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no.
Their children, whom he raised up in their place, were circumcised by Joshua, for they were uncircumcised, because they had not circumcised them on the way.
8 Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome wɔ atenaeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
When they were done circumcising the whole nation, they stayed in their places in the camp until they were healed.
9 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so.” Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ hɔ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ.
The LORD said to Joshua, “Today I have rolled away the reproach of Egypt from you.” Therefore the name of that place was called Gilgal to this day.
10 Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no.
The children of Israel encamped in Gilgal. They kept the Passover on the fourteenth day of the month at evening in the plains of Jericho.
11 Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye.
They ate unleavened cakes and parched grain of the produce of the land on the next day after the Passover, in the same day.
12 Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.
The manna ceased on the next day, after they had eaten of the produce of the land. The children of Israel did not have manna any more, but they ate of the fruit of the land of Canaan that year.
13 Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?”
When Joshua was by Jericho, he lifted up his eyes and looked, and behold, a man stood in front of him with his sword drawn in his hand. Joshua went to him and said to him, “Are you for us, or for our enemies?”
14 Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?”
He said, “No; but I have come now as commander of the LORD’s army.” Joshua fell on his face to the earth, and worshiped, and asked him, “What does my lord say to his servant?”
15 Awurade asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
The prince of the LORD’s army said to Joshua, “Take off your sandals, for the place on which you stand is holy.” Joshua did so.

< Yosua 5 >