< Yosua 4 >

1 Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
Pošto je sav narod prešao preko Jordana, reče Jahve Jošui:
2 “Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu
“Izaberite iz naroda dvanaest ljudi, od svakoga plemena po jednoga,
3 na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.”
i zapovjedite im: 'Dignite odavde, iz sredine Jordana - s mjesta gdje stoje noge svećenika - dvanaest kamenova koje ćete ponijeti sa sobom i položiti na mjestu gdje budete noćas prenoćili.'”
4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no,
Tada pozva Jošua dvanaest ljudi koje je bio izabrao između sinova Izraelovih, iz svakoga plemena po jednoga čovjeka,
5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔdi Awurade, mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te,
i reče im: “Idite pred Kovčeg Jahve, Boga svoga, u sredinu Jordana, i neka svaki donese na svojim ramenima po jedan kamen prema broju plemena Izraelovih.
6 na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo sɛ, ‘Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛn’ a,
To će biti na spomen među vama. Kad vas jednoga dana budu pitala vaša djeca: 'Što vam znače ovi kamenovi?'
7 monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.”
reći ćete im: 'Voda se Jordana razdijelila pred Kovčegom saveza Jahvina kad je prelazio preko Jordana.' I ovo će kamenje biti vječni spomen sinovima Izraelovim.”
8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ.
Izraelci učine kako im je zapovjedio Jošua, uzmu dvanaest kamenova iz sredine Jordana, prema broju plemena Izraelovih, kako je Jahve naredio Jošui: prenesu ih do svoga noćišta i polože ondje.
9 Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Zatim Jošua postavi usred Jordana dvanaest kamenova na mjesta gdje su stajale noge svećenika koji su nosili Kovčeg saveza. Ondje stoje i danas.
10 Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so.
Svećenici koji su nosili Kovčeg saveza stajali su usred Jordana, sve dok se nije izvršilo sve što je Jahve zapovjedio Jošui da narod izvrši, sasvim onako kao što Mojsije bijaše naredio Jošui. A narod je žurno prelazio.
11 Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi.
Pošto je sav narod prešao, prijeđu i svećenici s Kovčegom saveza Jahvina i krenu pred narodom.
12 Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.
Tada sinovi Rubenovi i sinovi Gadovi i polovina plemena Manašeova u bojnoj opremi stanu na čelo sinova Izraelovih, kao što im bijaše zapovjedio Mojsije.
13 Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
Oko četrdeset tisuća naoružanih ljudi prešlo je pred Jahvom da se bori na Jerihonskim poljanama.
14 Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no.
Toga dana uzvisi Jahve Jošuu pred svim Izraelom i svi ga se bojahu, kao nekoć Mojsija, u sve dane njegova života.
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
Jahve reče Jošui:
16 “Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, wɔmfiri subɔnhwa no mu hɔ mmra.”
“Zapovjedi svećenicima koji nose Kovčeg saveza neka izađu iz Jordana.”
17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn.
Tada Jošua zapovjedi svećenicima: “Izađite iz Jordana!”
18 Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te sɛ kane no.
A čim su svećenici koji su nosili Kovčeg saveza Jahvina izašli isred Jordana i stali nogama na suho, vrate se vode Jordana na svoje mjesto i poteku kao i prije preko svojih obala.
19 Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Gilgal, Yeriko apueeɛ.
Narod je izašao iz Jordana desetog dana prvoga mjeseca. Tada se utaborio u Gilgalu, istočno od Jerihona.
20 Gilgal hɔ na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano.
A onih dvanaest kamenova što su ih uzeli sa sobom iz Jordana, Jošua postavi u Gilgalu.
21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Daakye bi mo mma bɛbisa sɛ, ‘Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?’
Tada reče Izraelcima: “Ako potomci vaši upitaju jednoga dana svoje očeve: 'Što znači ovo kamenje?' -
22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan wɔ asase wesee so no.’
vi ih poučite ovako: 'Izrael je ovdje po suhu prešao preko Jordana
23 Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ.
jer je Jahve, Bog vaš, osušio pred vama vodu Jordana dok ne prijeđoste, kao što je učinio Jahve, Bog vaš, s Morem crvenim kad ga je osušio pred nama dok ne prijeđosmo.
24 Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Onyankopɔn, daa nyinaa.”
A sve to, da bi znali svi narodi zemlje koliko je moćna ruka Jahvina, i vi sami da se svagda bojite Jahve, Boga svoga.'”

< Yosua 4 >