< Yosua 24 >

1 Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.
Y juntando Josué todas las tribus de Israel en Siquem, llamó a los ancianos de Israel, y a sus príncipes, a sus jueces, y sus alcaldes, y presentáronse delante de Dios:
2 Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Eufrate agya nohoa na wɔsomm anyame foforɔ.
Y dijo Josué a todo el pueblo: Así dice Jehová, Dios de Israel: Vuestros padres habitaron antiguamente de esotra parte del río, es a saber, Tare padre de Abraham y de Nacor; y servían a dioses extraños.
3 Nanso, mefaa mo agya Abraham firii asase a ɛda Eufrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefoɔ dɔɔso.
Y yo tomé a vuestro padre Abraham de la otra parte del río, y trájele por toda la tierra de Canaán, y aumenté su generación, y díle a Isaac.
4 Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔman no maa Esau, ɛnna Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.
Y a Isaac di a Jacob, y a Esaú: y a Esaú di el monte de Seir, que lo poseyese; mas Jacob y sus hijos descendieron en Egipto.
5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie.
Y yo envié a Moisés, y a Aarón, y herí a Egipto, como lo hice en medio de él, y después os saqué.
6 Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn.
Y saqué a vuestros padres de Egipto: y como llegaron a la mar, los Egipcios siguieron a vuestros padres hasta el mar Bermejo con carros y caballería:
7 Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree.
Y como ellos clamasen a Jehová, él puso una oscuridad entre vosotros y los Egipcios: e hizo venir sobre ellos la mar, la cual los cubrió. Y vuestros ojos vieron lo que hice en Egipto: y estuvisteis muchos días en el desierto.
8 “Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase.
Y os metí en la tierra de los Amorreos que habitaban de la otra parte del Jordán: los cuales pelearon contra vosotros, mas yo los entregué en vuestra mano: y poseisteis su tierra, y yo los destruí de delante de vosotros.
9 Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo.
Levantóse después Balac hijo de Sefor rey de los Moabitas, y peleó contra Israel: y envió a llamar a Balaam hijo de Beor, para que os maldijese.
10 Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.
Mas yo no quise escuchar a Balaam, antes os bendijo de bendición, y yo os libré de sus manos.
11 “Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim.
Y pasado el Jordán vinisteis a Jericó, y los señores de Jericó pelearon contra vosotros: los Amorreos, Ferezeos, Cananeos, Jetteos, Gergeseos, Heveos, y Jebuseos, y yo los entregué en vuestras manos.
12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim.
Y envié tábanos delante de vosotros que los echaron de delante de vosotros, es a saber, a los dos reyes de los Amorreos: no con tu espada, ni con tu arco.
13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.
Y os di la tierra en la cual nada trabajasteis; y las ciudades, que no edificasteis, en las cuales moráis: y las viñas y olivares, que no plantasteis, de las cuales coméis.
14 “Enti, monni Awurade ni, na momfa mo akoma nyinaa nsom no. Monto ahoni a mo agyanom somee no wɔ ɛberɛ a na wɔte Asubɔnten Eufrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara.
Ahora pues teméd a Jehová y servídle con perfección y con verdad: y quitád los dioses a los cuales sirvieron vuestros padres de esotra parte del río, y en Egipto; y servíd a Jehová.
15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade.”
Y si mal os parece servir a Jehová, escogéos hoy a quien sirváis: o a los dioses, a quien sirvieron vuestros padres: cuando estuvieron de esotra parte del río, o a los dioses de los Amorreos, en cuya tierra habitáis: que yo y mi casa serviremos a Jehová.
16 Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ.
Entonces el pueblo respondió, y dijo: Nunca tal nos acontezca, que dejemos a Jehová por servir a otros dioses:
17 Ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.
Porque Jehová nuestro Dios, es el que nos sacó a nosotros, y a nuestros padres de la tierra de Egipto, de la casa de servidumbre: el cual delante de nuestros ojos ha hecho estas grandes señales, y nos ha guardado por todo camino por donde hemos andado, y en todos los pueblos entre los cuales hemos pasado.
18 Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.”
Y Jehová echó de delante de nosotros a todos los pueblos: y al Amorreo que habitaba en la tierra. Por tanto nosotros también serviremos a Jehová, porque él es nuestro Dios.
19 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo.
Entonces Josué dijo al pueblo: No podréis servir a Jehová: porque él es Dios santo, y Dios celoso: no sufrirá vuestras rebeliones, y vuestros pecados.
20 Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.”
Si dejareis a Jehová, y sirviereis a dioses ajenos, volverse ha y maltrataros ha, y consumiros ha después que os ha hecho bien.
21 Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”
El pueblo entonces dijo a Josué: No, antes a Jehová serviremos.
22 Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.” Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.”
Y Josué respondió al pueblo: Vosotros seréis testigos contra vosotros mismos, que vosotros os habéis elegido a Jehová para que le sirváis. Y ellos respondieron: Testigos seremos.
23 Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.”
Quitád pues ahora los dioses ajenos que están entre vosotros: e inclinád vuestro corazón a Jehová Dios de Israel.
24 Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.”
Y el pueblo respondió a Josué: A Jehová nuestro Dios serviremos; y a su voz obedeceremos.
25 Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam.
Entonces Josué hizo alianza con el pueblo el mismo día: y púsole ordenanzas y leyes en Siquem.
26 Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ.
Y escribió Josué estas palabras en el libro de la ley de Dios: y tomando una grande piedra levantóla en el mismo lugar debajo de un alcornoque que estaba en el santuario de Jehová.
27 Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.”
Y dijo Josué a todo el pueblo: He aquí, esta piedra será entre nosotros por testigo, la cual ha oído todas las palabras de Jehová que él ha hablado con nosotros: y será testigo contra vosotros, porque no mintáis contra vuestro Dios.
28 Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.
Y envió Josué el pueblo, cada uno a su heredad.
29 Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu.
Y después de estas cosas Josué hijo de Nun siervo de Jehová, murió, siendo de ciento y diez años.
30 Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam.
Y enterráronle en el término de su posesión en Tamnat-sera, que es en el monte de Efraím al norte del monte de Gaas.
31 Na Israel somm Awurade wɔ Yosua, ne mpanimfoɔ a wɔanyinyini sene noɔ a wɔhunuu deɛ Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu.
E Israel sirvió a Jehová todo el tiempo de Josué y todo el tiempo de los ancianos que vivieron después de Josué, y que sabían todas las obras de Jehová, que había hecho con Israel.
32 Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
Y también enterraron en Siquem los huesos de José que los hijos de Israel habían traído de Egipto, en la parte del campo que Jacob compró de los hijos de Jemor padre de Siquem, por cien monedas de plata, y fueron en posesión a los hijos de José.
33 Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.
También murió Eleazar hijo de Aarón: al cual enterraron en el collado de Finees su hijo, que le fue dado en el monte de Efraím.

< Yosua 24 >