< Yosua 23 >

1 Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no
Mfe bebree twaa mu a Awurade maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no
2 frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa.
frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa.
3 Moahunu biribiara a Awurade, mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ.
Moahu biribiara a Awurade, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo.
4 Mede amanaman no nsase a yɛnnya nnii soɔ ne deɛ yɛadi soɔ ama mo sɛ mo agyapadeɛ, ɛfiri Asubɔnten Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no.
Mede amanaman no nsase a yennya nnii so ne nea yɛadi so ama mo sɛ mo agyapade, efi Asubɔnten Yordan kosi Po Kɛse a ɛwɔ atɔe fam no.
5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛpamo nnipa a wɔtete so seesei no nyinaa. Mobɛsi wɔn anan mu atena hɔ, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
6 “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na monni nkyerɛkyerɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfiri ho kwan biara so.
“Enti, monyɛ den! Monhwɛ na munni nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfi ho ɔkwan biara so.
7 Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.
Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.
8 Na monni Awurade, mo Onyankopɔn no nokorɛ sɛdeɛ moayɛ abɛsi ɛnnɛ yi.
Na munni Awurade, mo Nyankopɔn no nokware sɛnea moayɛ abesi nnɛ yi.
9 “Ɛfiri sɛ, Awurade apamo amanaman akɛseɛ a wɔyɛ dene ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim.
“Efisɛ Awurade apam amanaman akɛse a wɔyɛ den ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim.
10 Mo mu biara bɛtumi atu atamfoɔ apem agu, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn ko ma mo sɛdeɛ wahyɛ bɔ no.
Mo mu biara betumi atu atamfo apem agu, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn ko ma mo sɛnea wahyɛ bɔ no.
11 Enti, monhwɛ yie na monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn no.
Enti monhwɛ yiye na monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no.
12 “Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a,
“Nanso sɛ motwe mo ho fi ne ho, na mo ne saa amanaman yi nkaefo a wɔwɔ mo mu yi di aware a,
13 ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade, mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade, mo Onyankopɔn de ama mo yi so.
ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ Awurade, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a Awurade, mo Nyankopɔn de ama mo no so.
14 “Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
“Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
15 Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so.
Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so.
16 Sɛ mobu Awurade, mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.”
Sɛ mubu Awurade, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.”

< Yosua 23 >