< Yosua 21 >

1 Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn.
Then the chief fathers of the Levites drew near to Eleazar the priest, and to Joshua the son of Nun, and to the chief fathers of the tribes of the children of Israel;
2 Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.”
and they spoke to them at Shiloh in the land of Canaan, saying, Jehovah commanded through Moses to give us cities to dwell in, and their suburbs for our cattle.
3 Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ.
And the children of Israel gave to the Levites out of their inheritance, according to the word of Jehovah, these cities and their suburbs.
4 Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea.
And the lot came forth for the families of the Kohathites. And the children of Aaron the priest, of the Levites, had by lot out of the tribe of Judah, and out of the tribe of the Simeonites, and out of the tribe of Benjamin, thirteen cities.
5 Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu.
And the children of Kohath that remained had by lot out of the families of the tribe of Ephraim, and out of the tribe of Dan, and out of the half tribe of Manasseh, ten cities.
6 Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan.
And the children of Gershon had by lot out of the families of the tribe of Issachar, and out of the tribe of Asher, and out of the tribe of Naphtali, and out of the half tribe of Manasseh in Bashan, thirteen cities.
7 Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn.
The children of Merari according to their families had by lot out of the tribe of Reuben, and out of the tribe of Gad, and out of the tribe of Zebulun, twelve cities.
8 Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.
And the children of Israel gave by lot to the Levites these cities and their suburbs, as Jehovah commanded through Moses.
9 Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no
And they gave out of the tribe of the children of Judah, and out of the tribe of the children of Simeon, these cities which were mentioned by name,
10 maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn.
and which the children of Aaron, of the families of the Kohathites, of the children of Levi had (for theirs was the first lot);
11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)
and they gave them Kirjath-Arba, [which Arba was] the father of Anak, that is, Hebron, in the mountain of Judah, with its suburbs round about it.
12 Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
But the fields of the city and the hamlets thereof gave they to Caleb the son of Jephunneh for his possession.
13 Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna,
And they gave to the children of Aaron the priest the city of refuge for the slayer, Hebron and its suburbs; and Libnah and its suburbs,
14 Yatir, Estemoa,
and Jattir and its suburbs, and Eshtemoa and its suburbs,
15 Holon, Debir,
and Holon and its suburbs, and Debir and its suburbs,
16 Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn.
and Ain and its suburbs, and Juttah and its suburbs, [and] Beth-shemesh and its suburbs: nine cities out of those two tribes;
17 Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ: Gibeon, Geba,
and out of the tribe of Benjamin: Gibeon and its suburbs, Geba and its suburbs,
18 Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
Anathoth and its suburbs, and Almon and its suburbs; four cities.
19 Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.
All the cities of the children of Aaron, the priests, were thirteen cities and their suburbs.
20 Kohat abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:
And to the families of the children of Kohath, the Levites that remained of the children of Kohath, [they gave cities]. And the cities of their lot were out of the tribe of Ephraim,
21 Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser.
and they gave them the city of refuge for the slayer, Shechem and its suburbs in mount Ephraim; and Gezer and its suburbs,
22 Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
and Kibzaim and its suburbs, and Beth-horon and its suburbs: four cities;
23 Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu: Elteke ne Gibeton,
and out of the tribe of Dan, Eltekeh and its suburbs, Gibbethon and its suburbs,
24 Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
Ajalon and its suburbs, Gath-Rimmon and its suburbs: four cities;
25 Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no: Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu.
and out of half the tribe of Manasseh, Taanach and its suburbs and Gath-Rimmon and its suburbs: two cities.
26 Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no.
All the cities were ten and their suburbs, for the families of the children of Kohath that remained.
27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea firii Manase abusua fa no nkyɛn. Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra.
And to the children of Gershon, of the families of the Levites, out of half the tribe of Manasseh, [they gave] the city of refuge for the slayer, Golan in Bashan and its suburbs; and Beeshterah and its suburbs: two cities;
28 Isakar abusuakuo no nso maa wɔn: Kision, Daberat,
and out of the tribe of Issachar, Kishion and its suburbs, Dabrath and its suburbs,
29 Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.
Jarmuth and its suburbs, En-gannim and its suburbs: four cities;
30 Aser abusuakuo no maa Misal, Abdon,
and out of the tribe of Asher, Mishal and its suburbs, Abdon and its suburbs,
31 Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.
Helkath and its suburbs, and Rehob and its suburbs: four cities;
32 Naftali abusuakuo no maa wɔn Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea.
and out of the tribe of Naphtali, the city of refuge for the slayer, Kedesh in Galilee, and its suburbs; and Hammoth-Dor and its suburbs, and Kartan and its suburbs: three cities.
33 Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.
All the cities of the Gershonites according to their families were thirteen cities and their suburbs.
34 Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn: Yokneam, Karta,
And to the families of the children of Merari, that remained of the Levites, [they gave] out of the tribe of Zebulun, Jokneam and its suburbs, Kartah and its suburbs,
35 Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea.
Dimnah and its suburbs, Nahalal and its suburbs: four cities;
36 Ruben abusuakuo no nso maa wɔn Beser, Yahas,
and out of the tribe of Reuben, Bezer and its suburbs, and Jahzah and its suburbs,
37 Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea.
Kedemoth and its suburbs, and Mephaath and its suburbs: four cities;
38 Gad abusuakuo no maa wɔn Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim,
and out of the tribe of Gad, the city of refuge for the slayer, Ramoth in Gilead and its suburbs; and Mahanaim and its suburbs,
39 Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea.
Heshbon and its suburbs, Jaazer and its suburbs: four cities in all.
40 Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua.
[These were] all the cities of the children of Merari according to their families, which remained of the families of the Levites, and their lot was twelve cities.
41 Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe.
All the cities of the Levites within the possession of the children of Israel were forty-eight cities and their suburbs.
42 Na kuro biara wɔ adidibea da ho.
Each one of these cities had its suburbs round about it: thus were all these cities.
43 Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ.
And Jehovah gave to Israel all the land which he swore to give unto their fathers; and they took possession of it, and dwelt in it.
44 Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim.
And Jehovah gave them rest round about, according to all that he had sworn unto their fathers; and there stood not a man of all their enemies before them: Jehovah gave all their enemies into their hand.
45 Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.
There failed nothing of all the good things that Jehovah had spoken to the house of Israel: all came to pass.

< Yosua 21 >