< Yosua 20 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
Et le Seigneur parla à Josué, disant:
2 “Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no.
Parle aux fils d'Israël, dis-leur: Donnez les villes de refuge que je vous ai dites par Moïse;
3 Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were.
Villes de refuge pour le meurtrier qui involontairement aura frappé à mort; ces villes seront pour vous des refuges, et le meurtrier ne sera point tué par le vengeur du sang, avant d'avoir comparu en jugement devant la synagogue.
4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.
5 Sɛ owufoɔ no abusuafoɔ ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛsiane.
6 Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.”
7 Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so.
Josué désigna donc Cadès, en Galilée, dans les montagnes de Nephthali; Sichem, dans les montagnes d'Ephraïm; la ville d'Arboc, la même qu'Hébron, dans les montagnes de Juda.
8 Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii sɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase.
Et au delà du Jourdain, il désigna Bosor dans le désert, dans la plaine de la tribu de Ruben; Arémoth, en Galaad, de la tribu de Gad, et, dans le royaume de Basan, Gaulon, de la tribu de Manassé.
9 Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.
Telles sont les villes qui furent choisies pour les fils d'Israël, et pour le prosélyte résidant parmi eux, afin de servir de refuge à tout homme qui porterait involontairement un coup mortel, et afin qu'il ne pérît pas, de la main du vengeur de sang, avant d'avoir comparu en jugement devant la synagogue.