< Yosua 19 >

1 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ Simeon abusuakuo no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia.
Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia.
2 Na deɛ ɛdidi soɔ yi ne Simeon agyapadeɛ: Beer-Seba, Seba ne Molada,
Na nea edidi so yi ne Simeon agyapade: Beer-Seba, Seba ne Molada,
3 Hasar-Sual, Bala ne Esem,
Hasar-Sual, Bala ne Esem,
4 Eltolad, Betul ne Horma,
Eltolad, Betul ne Horma,
5 Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa,
Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa,
6 Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkuro dumiɛnsa ne wɔn nkuraaseɛ.
Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkurow dumiɛnsa ne wɔn nkuraa.
7 Nkuro a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkuro ɛnan ne wɔn nkuraaseɛ,
Nkurow a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkurow anan ne wɔn nkuraa,
8 ne nkuraaseɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Baalat-Beer (a wɔfrɛ no Rama a ɛwɔ Negeb). Yei ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuo mu no agyapadeɛ.
ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no. Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade.
9 Wɔn agyapadeɛ no yɛ Yuda deɛ no fa bi a wɔde maa Yuda, ɛfiri sɛ, na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno enti, Simeon abusuakuo no nyaa wɔn agyapadeɛ firii Yuda asase no mu.
Wɔn agyapade no yɛ Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu.
10 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam. Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid.
Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam. Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid.
11 Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho.
Efi hɔ kɔ atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apuei fam asuwa ho.
12 Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
Ɔhye no fa fi Sarid kɔ apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
13 Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea.
Afei, ɛtoa so kɔ apuei fam kodu Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na adan ahwɛ Nea.
14 Sebulon ɛhyeɛ a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ɛbɛwiee wɔ Yifta-El bɔnhwa mu.
Sebulon hye a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ebewie wɔ Yifta-El bon mu.
15 Nkuro ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
16 Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no agyapadeɛ.
Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no agyapade.
17 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no nsam.
Asase no nkyɛmufa a ɛto so anan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no nsam.
18 Nʼahyeɛ nenam saa nkuro yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem,
Nʼahye nenam saa nkurow yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem,
19 Hafraim, Shion ne Anaharat,
Hafraim, Shion ne Anaharat,
20 Rabit, Kision ne Abes,
Rabit, Kision ne Abes,
21 Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.
Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.
22 Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho. Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho. Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
23 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no agyapadeɛ.
Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no agyapade.
24 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam.
Asase no nkyemu a ɛto so anum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no nsam.
25 Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,
Nʼahye no fa saa nkurow yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,
26 Alamelek, Amad ne Misal. Ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam no firi Karmel kɔ Sihor-Libnat,
Alamelek, Amad ne Misal. Ɔhye a ɛda atɔe fam no fi Karmel kɔ Sihor-Libnat,
27 na ɛbuka fa apueeɛ fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kɔsi Sebulon wɔ Yifta-El bɔnhwa no mu, kɔ atifi fam kɔduru Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kɔsi Sidon Kɛseɛ.
ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kosi Sidon Kɛse.
29 Afei ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no bɛsi Ɛpo Kɛseɛ no ho wɔ Hosa. Nkuro a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib,
Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho wɔ Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib,
30 Uma, Afek ne Rehob. Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Uma, Afek ne Rehob, Nkurow aduonu abien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
31 Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ.
Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no agyapade.
32 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam.
Asase no nkyemu a ɛto so asia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no nsam.
33 Ne ɛhyeɛ no firi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.
Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.
34 Atɔeɛ fam ɛhyeɛ no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kɔsi Sebulon ɛhyeɛ no wɔ anafoɔ fam, Aser ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apueeɛ fam.
Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam.
35 Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret,
Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret,
36 Adama, Rama ne Hasor,
Adama, Rama ne Hasor,
37 Kedes, Edrei ne En-Hasor,
Kedes, Edrei ne En-Hasor,
38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. Nkuro dunkron ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia.
39 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no agyapadeɛ.
Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no agyapade.
40 Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nson no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no nsam.
Asase no nkyemu a ɛto so ason no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no nsam.
41 Nkuro a na ɛwɔ Dan agyapadeɛ mu no bi yɛ: Sora, Estaol ne Ir-Semes,
Nkurow a na ɛwɔ Dan agyapade mu no bi yɛ Sora, Estaol ne Ir-Semes,
42 Saalabin, Ayalon ne Yitla,
Saalabin, Ayalon ne Yitla,
43 Elon, Timna ne Ekron,
Elon, Timna ne Ekron,
44 Elteke, Gibeton ne Baalat,
Elteke, Gibeton ne Baalat,
45 Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon,
Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon,
46 Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.
Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.
47 Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no.
Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no.
48 Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ.
Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no agyapade, saa nkurow yi ne wɔn nkuraa.
49 Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuo no wieeɛ no, Israelfoɔ no maa Yosua asase sini sononko bi sɛ nʼagyapadeɛ.
Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi sɛ nʼagyapade.
50 Na Awurade aka sɛ kuro biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɔkyekyeree kuro no foforɔ na ɔtenaa hɔ.
Na Awurade aka se kurow biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa hɔ.
51 Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ.
Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.

< Yosua 19 >