< Yosua 17 >

1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.)
And this was the lot for the tribe of Manasseh; for he was the first-born of Joseph. As for Machir the first-born of Manasseh, the father of Gilead, because he was a man of war, therefore he had Gilead and Bashan.
2 Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
And the lot was for the rest of the children of Manasseh according to their families; for the children of Abiezer, and for the children of Helek, and for the children of Asriel, and for the children of Shechem, and for the children of Hepher, and for the children of Shemida; these were the male children of Manasseh the son of Joseph according to their families.
3 Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
But Zelophehad, the son of Hepher, the son of Gilead, the son of Machir, the son of Manasseh, had no sons, but daughters; and these are the names of his daughters: Mahlah, and Noah, Hoglah, Milcah, and Tirzah.
4 Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.” Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no.
And they came near before Eleazar the priest, and before Joshua the son of Nun, and before the princes, saying: 'The LORD commanded Moses to give us an inheritance among our brethren'; therefore according to the commandment of the LORD he gave them an inheritance among the brethren of their father.
5 Ɛno enti Manase agyapadeɛ bɛyɛɛ nsasetea edu a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho,
And there fell ten parts to Manasseh, beside the land of Gilead and Bashan, which is beyond the Jordan;
6 ɛfiri sɛ, Manase asefoɔ a wɔyɛ mmaa no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapadeɛ. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefoɔ a wɔyɛ mmarima nkaeɛ no).
because the daughters of Manasseh had an inheritance among his sons; and the land of Gilead belonged unto the rest of the sons of Manasseh.
7 Manase abusuakuo no ɛhyeɛ no firi Aser ɛhyeɛ ano kɔsi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apueeɛ fam. Afei, ɛhyeɛ no firi Mikmetat kɔ anafoɔ fam, kɔsi nnipa a wɔte bɛn Tapua asuo no ho no.
And the border of Manasseh was, beginning from Asher, Michmethath, which is before Shechem; and the border went along to the right hand, unto the inhabitants of En-tappuah. —
8 (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso, Tapua kuro no a ɛda Manase mantam no ɛhyeɛ so no yɛ Efraim abusuakuo no dea.)
The land of Tappuah belonged to Manasseh; but Tappuah on the border of Manasseh belonged to the children of Ephraim. —
9 Manase ɛhyeɛ no firi Tapua asuo no, nenam Kana suka atifi kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. (Nkuro bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuo no dea.)
And the border went down unto the brook of Kanah, southward of the brook, by cities which belonged to Ephraim among the cities of Manasseh; but the border of Manasseh was on the north side of the brook; and the goings out thereof were at the sea:
10 Asase a ɛda suka no anafoɔ fam no yɛ Efraim dea, na deɛ ɛda atifi fam nso wɔ Manase, na Ɛpo kɛseɛ no yɛ Manase asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Aser asase no da Manase deɛ no atifi fam, na Isakar asase no nso da apueeɛ fam.
southward it was Ephraim's, and northward it was Manasseh's, and the sea was his border; and they reached to Asher on the north, and to Issachar on the east.
11 Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ.
And Manasseh had in Issachar and in Asher Beth-shean and its towns, and Ibleam and its towns, and the inhabitants of Dor and its towns, and the inhabitants of En-dor and its towns, and the inhabitants of Taanach and its towns, and the inhabitants of Megiddo and its towns, even the three regions.
12 Nanso, Manase asefoɔ no antumi amfa saa nkuro yi. Wɔantumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte hɔ no.
Yet the children of Manasseh could not drive out the inhabitants of those cities; but the Canaanites were resolved to dwell in that land.
13 Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.
And it came to pass, when the children of Israel were waxen strong, that they put the Canaanites to taskwork, but did not utterly drive them out.
14 Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?”
And the children of Joseph spoke unto Joshua, saying: 'Why hast thou given me but one lot and one part for an inheritance, seeing I am a great people, forasmuch as the LORD hath blessed me thus?'
15 Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.”
And Joshua said unto them: 'If thou be a great people, get thee up to the forest, and cut down for thyself there in the land of the Perizzites and of the Rephaim; since the hill-country of Ephraim is too narrow for thee.'
16 Na wɔbuaa sɛ, “Bepɔ so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔwɔ bepɔ no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bɔnhwa ho ahyia no wɔ nnadeɛ nteaseɛnam na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
And the children of Joseph said: 'The hill-country will not be enough for us; and all the Canaanites that dwell in the land of the valley have chariots of iron, both they who are in Beth-shean and its towns, and they who are in the valley of Jezreel.'
17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ no sɛ, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den enti, mobɛnya nsasetam no bi aka baako no ho.
And Joshua spoke unto the house of Joseph, even to Ephraim and to Manasseh, saying: 'Thou art a great people, and hast great power; thou shalt not have one lot only;
18 Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”
but the hill-country shall be thine; for though it is a forest, thou shalt cut it down, and the goings out thereof shall be thine; for thou shalt drive out the Canaanites, though they have chariots of iron, and though they be strong.'

< Yosua 17 >