< Yosua 16 >
1 Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so.
For Josefs Sønner faldt Loddet således: Mod Øst går Grænsen fra Jordan ved Jeriko, ved Jerikos Vande, op gennem Ørkenen, som fra Jeriko strækker sig op i Bjergland, et til Betel;
2 Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu.
fra Betel fortsætter den videre til Arkiternes Landemærke, til Atarot,
3 Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu.
og strækker sig nedad mod Vest til Ja Detiternes Landemærke, til Nedre Bet Horons Landemærke og til Gezer og ender ved Havet.
4 Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.
Og Josefs Sønner, Manasse og Efraim, fik Arvelodder.
5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro,
Efraimiternes Landemærke efter deres Slægter var følgende: Grænsen for deres Arvelod er mod Øst Atarot Addar og går til Øvre Bet Horon;
6 na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam.
derpå går Grænsen ud til Havet. Mod Nord er Grænsen Mikmetat; Grænsen går så mod Øst til Ta'anat Sjilo, løber videre østen om Janoa,
7 Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.
strækker sig så fra Janoa ned til Atarot og Na'ara, støder op til Jeriko og ender ved Jordan.
8 Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no.
Fra Tappua går Grænsen mod Vest til Kanabækken og ender ved Havet. Det er Efraimiternes Stammes Arvelod efter deres Slægter.
9 Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim.
Dertil kommer de Byer, som udskiltes til Efraimiterne inden for Manassiternes Arvelod, alle Byerne med Landsbyer.
10 Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.
Men de fordrev ikke Kana'anæerne, som boede i Gezer, og således er Kana'anæerne blevet boende midt i Efraim indtil den Dag i Dag, idet de siden blev Hoveriarbejdere.