< Yosua 13 >

1 Ɛberɛ a Yosua bɔɔ akɔkoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worebɔ akɔkoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
А Исус већ беше стар и временит, и рече му Господ: Ти си стар и временит, а земље је остало врло много да се освоји.
2 “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifoɔ ne Gesur,
Ово је земља што је остала: све међе филистејске и сва гесурска,
3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfoɔ dea no so. Saa asase yi firi asuo Sihor a ɛda Misraim ɛhyeɛ so a ɛtene fa atifi fam kɔsi Ekron ɛhyeɛ so,
Од Сиора, који је пред Мисиром, до међе акаронске на север; то припада Хананејима; пет кнежевина филистејских, газејска, азотска, аскалонска, гетејска и акаронска, и Авеји;
4 a Filistifoɔ nkuropɔn enum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifoɔ asase a ɛda anafoɔ fam no nso, wɔnnko nnii so. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so; Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no, de kɔsi Afek, kɔduru Amorifoɔ ɛhyeɛ so
С југа сва земља хананејска и Меара, што припада Сидонцима до Афека, до међе аморејске.
5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam.
И земља гивлејска и сав Ливан к истоку, од Вал-Гада под гором Ермоном па до уласка ематског;
6 “Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no.
Све који живе у тој гори од Ливана до воде Мисрефота, све Сидонце ја ћу отерати испред синова Израиљевих; само је раздели жребом Израиљу у наследство, као што сам ти заповедио.
7 Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ wɔ ɛberɛ a worekyekyɛ mu ama mmusuakuo nkron no ne Manase abusua fa no.”
Раздели дакле ту земљу у наследство међу девет племена и половину племена Манасијиног.
8 Manase abusua no mu fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ deɛ, na wɔanya wɔn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no de saa asase no ama wɔn dada.
Јер с другом половином племе Рувимово и Гадово примише свој део, који им даде Мојсије с оне стране Јордана к истоку, како им даде Мојсије слуга Господњи,
9 Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so kɔsi Dibon.
Од Ароира који је на брегу потока Арнона и града насред потока, и сву равницу медевску до Девона,
10 Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon kɔsi Amonfoɔ ɛhyeɛ so nkuro nyinaa nso ka ho.
И све градове Сиона цара аморејског, који царова у Есевону, до међе синова Амонових,
11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔ Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kɔsi Saleka ka ho,
И Галад и међу гесурску и махатску и сву гору ермонску и сав Васан до Салхе;
12 ɛnna Basanhene Og a ɔdii ɔhene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a ɔtwa toɔ, ɛfiri sɛ na Mose ne wɔn ako apamo wɔn.
Све царство Огово у Васану, који Ог царова у Астароту и Едрајину и беше остао од Рафаја; а Мојсије их поби и истреби.
13 Nanso, Israelfoɔ no antu Gesurfoɔ ne Maakafoɔ enti wɔtenaa Israelfoɔ no mu de bɛsi ɛnnɛ.
Али Гесуреја и Махатеја не изагнаше синови Израиљеви, него Гесуреји и Махатеји осташе међу Израиљем до данас.
14 Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no.
Само племену Левијевом не даде наследство; жртве огњене Господа Бога Израиљевог јесу наследство његово, као што му је рекао.
15 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu.
А даде Мојсије племену синова Рувимових по породицама њиховим,
16 Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so.
И међе им беху од Ароира који је на брегу потока Арнона, и град који је насред потока, и сва раван до Медеве,
17 Nkuro ne nkuraase a ɛkeka hoɔ nie: Hesbon ne nkuro a ɛdeda ɛserɛ so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon,
Есевон са свим градовима својим у равни, Девон и Вамот-Вал и Вет-Валмеон,
18 Yahas, Kedemot, Mefaat,
И Јаса и Кадимот и Мифат,
19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda bɔnhwa no kokoɔ so,
И Киријатајим и Сивма и Зарет-Сар на гори код долине,
20 Bet-Peor, Pisga nsianeɛ mu ne Bet-Yesimot.
И Вет-Фегор и Аздот-Фазга и Вет-Јесимот,
21 Nkuro a ɛwɔ tata so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorifoɔhene a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon, deɛ Mose kumm no ne Midian ahemfo a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako.
И сви градови у равни, и све царство Сиона цара аморејског, који царова у Есевону, ког уби Мојсије с кнезовима мадијанским, Евијом и Рекемом и Суром и Уром и Ревом, кнезовима Сионовим, који живљаху у оној земљи.
22 Israelfoɔ no kumm Beor babarima nkonyaayifoɔ bi a na wɔfrɛ no Balaam.
И Валама сина Веоровог, врача, убише синови Израиљеви мачем с другима побијеним.
23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Wɔde nkuro ne nkuraase a ɛwɔ saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo no mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
И беху међе синова Рувимових Јордан с међама својим. То је наследство синова Рувимових по породицама њиховим, градови и села њихова.
24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu:
И даде Мојсије племену Гадовом, синовима Гадовим по породицама њиховим,
25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkuro nyinaa, ne Amon asase no fa, kɔsi Aroer kuro a ɛwɔ Raba atɔeɛ fam pɛɛ.
И беху им међе Јазир и сви градови галадски и половина земље синова Амонових до Ароира који је према Рави,
26 Na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-Mispe ne Betonim de firi Mahanaim de kɔsi Debir.
И од Есевона до Рамот-Миспе и Ветонима, и од Маханаима до међе давирске;
27 Bɔnhwa no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkaeɛ wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔeɛ fam hɔ ɛhyeɛ na ɛtoa so de kɔsi Galilea ɛpo no mu.
И у долини Вет-Аран и Вет-Нимра и Сокот и Сафон; остатак царства Сиона цара есевонског, Јордан и међа његова до краја мора хинеротског с оне стране Јордана на исток.
28 Nkuro ne nkuraaseɛ a ɛwɔ saa beaeɛ yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
То је наследство синова Гадових по породицама њиховим, градови и села њихова.
29 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu.
И даде Мојсије половини племена Манасијиног, и доби половина племена синова Манасијиних по породицама својим;
30 Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no.
Међа им беше од Маханаима, сав Васан, све царство Ога цара васанског, и сва села Јаирова, што су у Васану, шездесет градова.
31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ.
И половина Галада, и Астарот и Едрајин, градови царства Оговог у Васану, допадоше синовима Махира сина Манасијиног, половини синова Махирових по породицама њиховим.
32 Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam.
То је што раздели у наследство Мојсије у пољу моавском с оне стране Јордана према Јерихону на истоку.
33 Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.
А племену Левијевом не даде Мојсије наследство; Господ је Бог Израиљев њихово наследство, као што им је рекао.

< Yosua 13 >