< Yosua 12 >
1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.
Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.
2 Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
3 Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.
Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
4 Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
5 Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
6 Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.
Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.
7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ,
Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade,
8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
9 Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako
Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako
10 Yerusalemhene baako Hebronhene baako
Yerusalemhene baako Hebronhene baako
11 Yarmuthene baako Lakishene baako
Yarmuthene baako Lakishene baako
12 Eglonhene baako Geserhene baako
Eglonhene baako Geserhene baako
13 Debirhene baako Gederhene baako
Debirhene baako Gaderhene baako
14 Hormahene baako Aradhene baako
Hormahene baako Aradhene baako
15 Libnahene baako Adulamhene baako
Libnahene baako Adulamhene baako
16 Makedahene baako Bet-Elhene baako
Makedahene baako Bet-Elhene baako
17 Tapuahene baako Heferhene baako
Tapuahene baako Heferhene baako
18 Afekhene baako Lasaronhene baako
Afekhene baako Lasaronhene baako
19 Madonhene baako Hasorhene baako
Madonhene baako Hasorhene baako
20 Simronhene baako Aksafhene baako
Simronhene baako Aksafhene baako
21 Taanakhene baako Megidohene baako
Taanakhene baako Megidohene baako
22 Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako
Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako
23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako
Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako
24 Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.
Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.