< Yona 4 >

1 Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ.
Jonah, however, was greatly displeased, and he became angry.
2 Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho.
So he prayed to the LORD, saying, “O LORD, is this not what I said while I was still in my own country? This is why I was so quick to flee toward Tarshish. I knew that You are a gracious and compassionate God, slow to anger, abounding in loving devotion—One who relents from sending disaster.
3 Enti Ao Awurade! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”
And now, O LORD, please take my life from me, for it is better for me to die than to live.”
4 Na Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?”
But the LORD replied, “Have you any right to be angry?”
5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so.
Then Jonah left the city and sat down east of it, where he made himself a shelter and sat in its shade to see what would happen to the city.
6 Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho.
So the LORD God appointed a vine, and it grew up to provide shade over Jonah’s head to ease his discomfort, and Jonah was greatly pleased with the plant.
7 Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ.
When dawn came the next day, God appointed a worm that attacked the plant so that it withered.
8 Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.”
As the sun was rising, God appointed a scorching east wind, and the sun beat down on Jonah’s head so that he grew faint and wished to die, saying, “It is better for me to die than to live.”
9 Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?” Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.”
Then God asked Jonah, “Have you any right to be angry about the plant?” “I do,” he replied. “I am angry enough to die!”
10 Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm.
But the LORD said, “You cared about the plant, which you neither tended nor made grow. It sprang up in a night and perished in a night.
11 Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?”
So should I not care about the great city of Nineveh, which has more than 120,000 people who cannot tell their right hand from their left, and many cattle as well?”

< Yona 4 >