< Yona 3 >
1 Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ,
Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so se,
2 “Kɔ Ninewe kuropɔn kɛseɛ no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”
“Kɔ Ninewe kuropɔn no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”
3 Yona yɛɛ ɔsetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titire a wɔde nnansa na ɛhunu hɔ nyinaa.
Yona yɛɛ osetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titiriw a wɔde nnansa na etwa mu nyinaa.
4 Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.”
Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.”
5 Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma.
Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam.
6 Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu.
Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu.
7 Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom.
Afei, ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Ninewe se, “Mmara a wofi ɔhene ne nʼatitiriw hɔ ni: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuw anaa nguankuw, mmfa hwee nka nʼano; onnnidi anaa ɔnnom.
8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ.
Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ.
9 Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.”
Hena na onim? Ebia, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuwhyew no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.”
10 Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
Na Onyankopɔn huu sɛnea wɔyɛɛ ne sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne ho no, ohuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛnea ɔkae no.