< Yona 2 >
1 Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ.
Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,
2 Ɔkaa sɛ, “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ɔgyee me so. Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa na wotiee me sufrɛ. (Sheol )
“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so. Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa na wutiee me sufrɛ. (Sheol )
3 Wotoo me twenee ebunu mu wɔ ɛpo ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
Wotow me kyenee bun mu wɔ po ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiae; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
4 Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
5 Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu, ebunu no twaa me ho hyiaeɛ; ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu, bun no twaa me ho hyiae; po mu nwura kyekyeree me ti ho.
6 Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wogyee me nkwa firii amena mu, Ao Awurade, me Onyankopɔn.
Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu, Awurade, me Nyankopɔn.
7 “Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
“Bere a me nkwa resen akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
8 “Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.
“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.
9 Nanso me, mede ayɛyie nnwom bɛbɔ afɔdeɛ ama wo. Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagyeɛ firi Awurade.”
Nanso me, mede ayeyi nnwom bɛbɔ afɔre ama wo. Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagye fi Awurade.”
10 Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.
Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.