< Yohane 9 >

1 Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani,
Καὶ παράγων εἶδεν ἄνθρωπον τυφλὸν ἐκ γενετῆς.
2 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?”
Καὶ ἠρώτησαν αὐτὸν οἱ μαθηταὶ αὐτοῦ λέγοντες, Ῥαββί, τίς ἥμαρτεν, οὗτος ἢ οἱ γονεῖς αὐτοῦ, ἵνα τυφλὸς γεννηθῇ;
3 Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
Ἀπεκρίθη Ἰησοῦς, Οὔτε οὗτος ἥμαρτεν οὔτε οἱ γονεῖς αὐτοῦ· ἀλλ᾽ ἵνα φανερωθῇ τὰ ἔργα τοῦ Θεοῦ ἐν αὐτῷ.
4 Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma.
Ἐμὲ δεῖ ἐργάζεσθαι τὰ ἔργα τοῦ πέμψαντός με ἕως ἡμέρα ἐστίν· ἔρχεται νύξ, ὅτε οὐδεὶς δύναται ἐργάζεσθαι.
5 Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no.”
Ὅταν ἐν τῷ κόσμῳ ὦ, φῶς εἰμι τοῦ κόσμου.
6 Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so.
Ταῦτα εἰπών, ἔπτυσε χαμαί, καὶ ἐποίησε πηλὸν ἐκ τοῦ πτύσματος, καὶ ἐπέχρισε τὸν πηλὸν ἐπὶ τοὺς ὀφθαλμοὺς τοῦ τυφλοῦ,
7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.
καὶ εἶπεν αὐτῷ, Ὕπαγε νίψαι εἰς τὴν κολυμβήθραν τοῦ Σιλωάμ—ὃ ἑρμηνεύεται, Ἀπεσταλμένος. Ἀπῆλθεν οὖν καὶ ἐνίψατο, καὶ ἦλθε βλέπων.
8 Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?”
Οἱ οὖν γείτονες καὶ οἱ θεωροῦντες αὐτὸν τὸ πρότερον ὅτι τυφλὸς ἦν, ἔλεγον, Οὐχ οὗτός ἐστιν ὁ καθήμενος καὶ προσαιτῶν;
9 Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.” Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.”
Ἄλλοι ἔλεγον ὅτι Οὗτός ἐστιν· ἄλλοι δὲ ὅτι Ὅμοιος αὐτῷ ἐστιν. Ἐκεῖνος ἔλεγεν ὅτι Ἐγώ εἰμι.
10 Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?”
Ἔλεγον οὖν αὐτῷ, Πῶς ἀνεῴχθησάν σου οἱ ὀφθαλμοί;
11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.”
Ἀπεκρίθη ἐκεῖνος καὶ εἶπεν, Ἄνθρωπος λεγόμενος Ἰησοῦς πηλὸν ἐποίησε, καὶ ἐπέχρισέ μου τοὺς ὀφθαλμούς, καὶ εἶπέ μοι, Ὕπαγε εἰς τὴν κολυμβήθραν τοῦ Σιλωάμ, καὶ νίψαι. Ἀπελθὼν δὲ καὶ νιψάμενος, ἀνέβλεψα.
12 Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.”
Εἶπον οὖν αὐτῷ, Ποῦ ἐστιν ἐκεῖνος; Λέγει, Οὐκ οἶδα.
13 Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no.
Ἄγουσιν αὐτὸν πρὸς τοὺς Φαρισαίους, τόν ποτε τυφλόν.
14 Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda.
Ἦν δὲ σάββατον ὅτε τὸν πηλὸν ἐποίησεν ὁ Ἰησοῦς, καὶ ἀνέῳξεν αὐτοῦ τοὺς ὀφθαλμούς.
15 Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no.
Πάλιν οὖν ἠρώτων αὐτὸν καὶ οἱ Φαρισαῖοι, πῶς ἀνέβλεψεν. Ὁ δὲ εἶπεν αὐτοῖς, Πηλὸν ἐπέθηκέ μου ἐπὶ τοὺς ὀφθαλμούς, καὶ ἐνιψάμην, καὶ βλέπω.
16 Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
Ἔλεγον οὖν ἐκ τῶν Φαρισαίων τινές, Οὗτος ὁ ἄνθρωπος οὐκ ἔστι παρὰ τοῦ Θεοῦ, ὅτι τὸ σάββατον οὐ τηρεῖ. Ἄλλοι ἔλεγον, Πῶς δύναται ἄνθρωπος ἁμαρτωλὸς τοιαῦτα σημεῖα ποιεῖν; Καὶ σχίσμα ἦν ἐν αὐτοῖς.
17 Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.”
Λέγουσι τῷ τυφλῷ πάλιν, Σὺ τί λέγεις περὶ αὐτοῦ, ὅτι ἤνοιξέ σου τοὺς ὀφθαλμούς; Ὁ δὲ εἶπεν ὅτι Προφήτης ἐστίν.
18 Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ
Οὐκ ἐπίστευσαν οὖν οἱ Ἰουδαῖοι περὶ αὐτοῦ, ὅτι τυφλὸς ἦν καὶ ἀνέβλεψεν, ἕως ὅτου ἐφώνησαν τοὺς γονεῖς αὐτοῦ τοῦ ἀναβλέψαντος,
19 ma wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?”
καὶ ἠρώτησαν αὐτοὺς λέγοντες, Οὗτός ἐστιν ὁ υἱὸς ὑμῶν, ὃν ὑμεῖς λέγετε ὅτι τυφλὸς ἐγεννήθη; Πῶς οὖν ἄρτι βλέπει;
20 Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani.
Ἀπεκρίθησαν δὲ αὐτοῖς οἱ γονεῖς αὐτοῦ καὶ εἶπον, Οἴδαμεν ὅτι οὗτός ἐστιν ὁ υἱὸς ἡμῶν, καὶ ὅτι τυφλὸς ἐγεννήθη·
21 Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.”
πῶς δὲ νῦν βλέπει, οὐκ οἴδαμεν· ἢ τίς ἤνοιξεν αὐτοῦ τοὺς ὀφθαλμούς, ἡμεῖς οὐκ οἴδαμεν· αὐτὸς ἡλικίαν ἔχει· αὐτὸν ἐρωτήσατε, αὐτὸς περὶ ἑαυτοῦ λαλήσει.
22 Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no.
Ταῦτα εἶπον οἱ γονεῖς αὐτοῦ, ὅτι ἐφοβοῦντο τοὺς Ἰουδαίους· ἤδη γὰρ συνετέθειντο οἱ Ἰουδαῖοι, ἵνα ἐάν τις αὐτὸν ὁμολογήσῃ Χριστόν, ἀποσυνάγωγος γένηται.
23 Yei enti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no.
Διὰ τοῦτο οἱ γονεῖς αὐτοῦ εἶπον ὅτι Ἡλικίαν ἔχει, αὐτὸν ἐρωτήσατε.
24 Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”
Ἐφώνησαν οὖν ἐκ δευτέρου τὸν ἄνθρωπον ὃς ἦν τυφλός, καὶ εἶπον αὐτῷ, Δὸς δόξαν τῷ Θεῷ· ἡμεῖς οἴδαμεν ὅτι ὁ ἄνθρωπος οὗτος ἁμαρτωλός ἐστιν.
25 Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.”
Ἀπεκρίθη οὖν ἐκεῖνος καὶ εἶπεν, Εἰ ἁμαρτωλός ἐστιν, οὐκ οἶδα· ἓν οἶδα, ὅτι τυφλὸς ὤν, ἄρτι βλέπω.
26 Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?”
Εἶπον δὲ αὐτῷ πάλιν, Τί ἐποίησέ σοι; Πῶς ἤνοιξέ σου τοὺς ὀφθαλμούς;
27 Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?”
Ἀπεκρίθη αὐτοῖς, Εἶπον ὑμῖν ἤδη, καὶ οὐκ ἠκούσατε. Τί πάλιν θέλετε ἀκούειν; Μὴ καὶ ὑμεῖς θέλετε αὐτοῦ μαθηταὶ γενέσθαι;
28 Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ.
Ἐλοιδόρησαν αὐτόν, καὶ εἶπον, Σὺ εἶ μαθητὴς ἐκείνου· ἡμεῖς δὲ τοῦ Μωσέως ἐσμὲν μαθηταί.
29 Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!”
Ἡμεῖς οἴδαμεν ὅτι Μωσῇ λελάληκεν ὁ Θεός· τοῦτον δὲ οὐκ οἴδαμεν πόθεν ἐστίν.
30 Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri.
Ἀπεκρίθη ὁ ἄνθρωπος καὶ εἶπεν αὐτοῖς, Ἐν γὰρ τούτῳ θαυμαστόν ἐστιν, ὅτι ὑμεῖς οὐκ οἴδατε πόθεν ἐστί, καὶ ἀνέῳξέ μου τοὺς ὀφθαλμούς.
31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no.
Οἴδαμεν δὲ ὅτι ἁμαρτωλῶν ὁ Θεὸς οὐκ ἀκούει· ἀλλ᾽ ἐάν τις θεοσεβὴς ᾖ, καὶ τὸ θέλημα αὐτοῦ ποιῇ, τούτου ἀκούει.
32 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirani ahunu adeɛ da; (aiōn g165)
Ἐκ τοῦ αἰῶνος οὐκ ἠκούσθη ὅτι ἤνοιξέ τις ὀφθαλμοὺς τυφλοῦ γεγεννημένου. (aiōn g165)
33 sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.”
Εἰ μὴ ἦν οὗτος παρὰ Θεοῦ, οὐκ ἠδύνατο ποιεῖν οὐδέν.
34 Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ.
Ἀπεκρίθησαν καὶ εἶπον αὐτῷ, Ἐν ἁμαρτίαις σὺ ἐγεννήθης ὅλος, καὶ σὺ διδάσκεις ἡμᾶς; Καὶ ἐξέβαλον αὐτὸν ἔξω.
35 Ɛberɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?”
Ἤκουσεν ὁ Ἰησοῦς ὅτι ἐξέβαλον αὐτὸν ἔξω· καὶ εὑρὼν αὐτόν, εἶπεν αὐτῷ, Σὺ πιστεύεις εἰς τὸν υἱὸν τοῦ Θεοῦ;
36 Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!”
Ἀπεκρίθη ἐκεῖνος καὶ εἶπε, Καὶ τίς ἐστι, Κύριε, ἵνα πιστεύσω εἰς αὐτόν;
37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
Εἶπε δὲ αὐτῷ ὁ Ἰησοῦς, Καὶ ἑώρακας αὐτόν, καὶ ὁ λαλῶν μετὰ σοῦ ἐκεῖνός ἐστιν.
38 Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.
Ὁ δὲ ἔφη, Πιστεύω, Κύριε· καὶ προσεκύνησεν αὐτῷ.
39 Yesu kaa sɛ, “Mebaa ewiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.”
Καὶ εἶπεν ὁ Ἰησοῦς, Εἰς κρίμα ἐγὼ εἰς τὸν κόσμον τοῦτον ἦλθον, ἵνα οἱ μὴ βλέποντες βλέπωσι, καὶ οἱ βλέποντες τυφλοὶ γένωνται.
40 Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”
Καὶ ἤκουσαν ἐκ τῶν Φαρισαίων ταῦτα οἱ ὄντες μετ᾽ αὐτοῦ, καὶ εἶπον αὐτῷ, Μὴ καὶ ἡμεῖς τυφλοί ἐσμεν;
41 Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Esiane sɛ mogye to mu sɛ mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu.”
Εἶπεν αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Εἰ τυφλοὶ ἦτε, οὐκ ἂν εἴχετε ἁμαρτίαν· νῦν δὲ λέγετε ὅτι Βλέπομεν· ἡ οὖν ἁμαρτία ὑμῶν μένει.

< Yohane 9 >