< Yohane 8 >

1 Yesu sane kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
Jesus went to the mount of Olives:
2 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.
And early in the morning he came again into the temple, and all the people came to him; and he sat down and taught them.
3 Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ adwaman baa nʼanim.
And the scribes and Pharisees brought to him a woman taken in adultery: and when they had set her in the midst,
4 Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman,
They say to him, Master, this woman was taken in adultery, in the very act.
5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?”
Now Moses in the law commanded us, that such should be stoned; but what sayest thou?
6 Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.
This they said, tempting him, that they might have to accuse him. But Jesus stooped down, and with [his] finger wrote on the ground, [as though he heard them not].
7 Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no.”
So when they continued asking him, he raised himself, and said to them, He that is without sin among you, let him first cast a stone at her.
8 Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam.
And again he stooped down, and wrote on the ground.
9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara.
And they who heard [it], being convicted by [their own] conscience, went out one by one, beginning at the eldest, [even] to the last: and Jesus was left alone, and the woman standing in the midst.
10 Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Nnipa a wɔde wo baeɛ no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”
When Jesus had raised himself, and saw none but the woman, he said to her, Woman, where are those thy accusers? hath no man condemned thee?
11 Ɔbaa no buaa Yesu sɛ, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”
She said, No man, Lord. And Jesus said to her, Neither do I condemn thee: go, and sin no more.
12 Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu.”
Then Jesus spoke again to them, saying, I am the light of the world: he that followeth me shall not walk in darkness, but shall have the light of life.
13 Farisifoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, ɛfiri sɛ, wo ara na woredi wo ho adanseɛ.”
The Pharisees therefore said to him, Thou testifiest concerning thyself; thy testimony is not true.
14 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Sɛ me ara meredi me ho adanseɛ mpo a, asɛm a meka no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefiri baeɛ ne faako a merekɔ. Na mo deɛ, monnim faako a mefiri baeɛ ne faako nso a merekɔ.
Jesus answered and said to them, Though I testify concerning myself, [yet] my testimony is true: for I know whence I came, and whither I go; but ye cannot tell whence I come, and whither I go.
15 Mo ankasa mode mo adwene na ɛbu atɛn na me deɛ, memmu obiara atɛn.
Ye judge after the flesh, I judge no man.
16 Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.
And yet if I judge, my judgment is true: for I am not alone, but I and the Father that sent me.
17 Wɔatwerɛ wɔ mo mmara mu sɛ, sɛ adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokorɛ.
It is also written in your law, that the testimony of two men is true.
18 Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”
I am one that testifieth concerning myself; and the Father that sent me, testifieth concerning me.
19 Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnim me, na monnim mʼAgya no nso. Sɛ monim me a, anka mobɛhunu mʼAgya no nso.”
Then said they to him, Where is thy Father? Jesus answered, Ye neither know me, nor my Father: if ye had known me, ye would have known my Father also.
20 Yesu kaa yeinom nyinaa ɛberɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.
These words Jesus spoke in the treasury, as he taught in the temple: and no man laid hands on him, for his hour was not yet come.
21 Yesu sane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mɛfiri mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhunu me. Na mo deɛ, mobɛwu wɔ mo mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”
Then said Jesus again to them, I am going away, and ye will seek me, and will die in your sins: whither I go, ye cannot come.
22 Yudafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na ɔrekɔ a ɔse ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekɔkum ne ho?”
Then said the Jews, will he kill himself? because he saith, Whither I go, ye cannot come.
23 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase,
And he said to them, Ye are from beneath; I am from above: ye are of this world; I am not of this world.
24 Ɛno enti na meka kyerɛ mo sɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene deɛ mene a, mobɛwu wɔ mo bɔne mu.”
I said therefore to you, that ye will die in your sins: for if ye believe not that I am [he], ye will die in your sins.
25 Wɔbisaa no sɛ, “Wo koraa, wone hwan?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Mene deɛ daa meka kyerɛ mo sɛ meyɛ.
Then said they to him, Who art thou? And Jesus saith to them, Even [the same] that I said to you from the beginning.
26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ na asɛm a meka no yɛ deɛ mate afiri ne nkyɛn.”
I have many things to say, and to judge of you: but he that sent me, is true: and I speak to the world those things which I have heard from him.
27 Nnipa no ante no aseɛ sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no.
They understood not that he spoke to them concerning the Father.
28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monya ma Onipa Ba no so wɔ asɛnnua no so a, na mobɛhunu sɛ, mene deɛ mene no, na afei mobɛhunu bio sɛ memfiri me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom, deɛ Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka.
Then said Jesus to them, When ye have lifted up the Son of man, then shall ye know that I am [he], and [that] I do nothing of myself; but as my Father hath taught me, I speak these things.
29 Deɛ ɔsomaa me no ka me ho daa. Ɔnnyaa me da, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.”
And he that sent me is with me: the Father hath not left me alone; for I do always those things that please him.
30 Nnipa a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no mu dodoɔ no ara gyee no diiɛ.
As he spoke these words, many believed on him.
31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔgyee no diiɛ no sɛ, “Sɛ modi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafoɔ.
Then said Jesus to those Jews who believed on him, If ye continue in my word, ye are my disciples indeed;
32 Ɛno ansa na mobɛhunu nokorɛ no na nokorɛ no bɛma mo ade mo ho.”
And ye shall know the truth, and the truth shall make you free.
33 Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛn deɛ yɛyɛ Abraham asefoɔ. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na ɛyɛ dɛn na woka sɛ wobɛma yɛade yɛn ho?”
They answered him, We are Abraham's offspring, and were never in bondage to any man: how sayest thou, Ye shall be made free?
34 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.
Jesus answered them, Verily, verily, I say to you, Whoever committeth sin, is the servant of sin.
35 Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba deɛ, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. (aiōn g165)
And the servant abideth not in the house for ever, [but] the Son abideth for ever. (aiōn g165)
36 Ɛno enti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.
If the Son therefore shall make you free, ye shall be free indeed.
37 Megye tom sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri sɛ, monni ne nkyerɛkyerɛ so.
I know that ye are Abraham's offspring; but ye seek to kill me, because my word hath no place in you.
38 Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so.”
I speak that which I have seen with my Father: and ye do that which ye have seen with your father.
39 Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.
They answered and said to him, Abraham is our father. Jesus saith to them, If ye were Abraham's children, ye would do the works of Abraham.
40 Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei.
But now ye seek to kill me, a man that hath told you the truth, which I have heard from God: this did not Abraham.
41 Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.” Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”
Ye do the deeds of your father. Then said they to him, We are not born of fornication; we have one Father, [even] God.
42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ, ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me pɛ mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me.
Jesus said to them, If God were your Father, ye would love me: for I proceeded forth and came from God; neither came I of myself, but he sent me.
43 Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri sɛ, mompɛ sɛ mote aseɛ.
Why do ye not understand my speech? [even] because ye cannot hear my word.
44 Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.
Ye are of [your] father the devil, and the lusts of your father ye will do: he was a murderer from the beginning, and abode not in the truth, because there is no truth in him. When he speaketh a lie, he speaketh of his own: for he is a liar, and the father of it.
45 Nanso me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ enti na monnye me nni no.
And because I tell [you] the truth, ye believe me not.
46 Mo mu hwan na ɔbɛtumi aka sɛ medi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn enti na monnye me nni?
Which of you convicteth me of sin? And if I speak the truth, why do ye not believe me?
47 Obiara a ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo deɛ, ɛsiane sɛ momfiri Onyankopɔn mu no enti na montie nʼasɛm no.”
He that is of God, heareth God's words: ye therefore hear [them] not, because ye are not of God.
48 Yudafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?”
Then answered the Jews, and said to him, Say we not well that thou art a Samaritan, and hast a demon?
49 Yesu buaa sɛ, “Menni honhommɔne. Medi mʼAgya ni na mo deɛ monni no ni.
Jesus answered, I have not a demon; but I honor my Father, and ye dishonor me.
50 Memmpere nhwehwɛ animuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na ɔdi ma me.
And I seek not my own glory: there is one that seeketh and judgeth.
51 Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo sɛ, obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.” (aiōn g165)
Verily, verily, I say to you, If a man shall keep my saying, he shall never see death. (aiōn g165)
52 Yudafoɔ no nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei na yɛahunu ampa ara sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wuiɛ. Adiyifoɔ no nso wuwuiɛ. Nanso, wo deɛ woka sɛ, ‘Obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.’ (aiōn g165)
Then said the Jews to him, Now we know that thou hast a demon. Abraham is dead, and the prophets; and thou sayest, If a man shall keep my saying, he shall never taste death. (aiōn g165)
53 Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu sɛ woyɛ hwan?”
Art thou greater than our father Abraham, who is dead? and the prophets are dead: whom makest thou thyself?
54 Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho animuonyam a, mʼanimuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka sɛ ɔyɛ mo Onyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me animuonyam.
Jesus answered, If I honor myself, my honor is nothing: it is my Father that honoreth me, of whom ye say, that he is your God:
55 Mo deɛ, monnim no, nanso me deɛ, menim no. Sɛ meka sɛ mennim no a na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo ara. Menim no na madi nʼasɛm nso so.
Yet ye have not known him; but I know him: and if I should say, I know him not, I should be a liar like you: but I know him, and keep his saying.
56 Mo agya Abraham ani gyee sɛ ɔbɛhunu me ba a mɛba no. Ɔhunuiɛ na nʼani gyeeɛ.”
Your father Abraham rejoiced to see my day: and he saw [it], and was glad.
57 Yudafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Wonnii mfeɛ aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?”
Then said the Jews to him, Thou art not yet fifty years old, and hast thou seen Abraham?
58 Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”
Jesus said to them, Verily, verily, I say to you, Before Abraham was, I am.
59 Yudafoɔ no tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no, nanso Yesu kɔhintaeɛ. Yei akyi no, ɔfirii asɔredan no mu hɔ kɔeɛ.
Then they took up stones to cast at him: but Jesus hid himself, and went out of the temple, going through the midst of them, and so passed by.

< Yohane 8 >