< Yohane 7 >

1 Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.
ততঃ পরং যিহূদীযলোকাস্তং হন্তুং সমৈহন্ত তস্মাদ্ যীশু র্যিহূদাপ্রদেশে পর্য্যটিতুং নেচ্ছন্ গালীল্ প্রদেশে পর্য্যটিতুং প্রারভত|
2 Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no,
কিন্তু তস্মিন্ সমযে যিহূদীযানাং দূষ্যৱাসনামোৎসৱ উপস্থিতে
3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no.
তস্য ভ্রাতরস্তম্ অৱদন্ যানি কর্ম্মাণি ৎৱযা ক্রিযন্তে তানি যথা তৱ শিষ্যাঃ পশ্যন্তি তদর্থং ৎৱমিতঃ স্থানাদ্ যিহূদীযদেশং ৱ্রজ|
4 Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.”
যঃ কশ্চিৎ স্ৱযং প্রচিকাশিষতি স কদাপি গুপ্তং কর্ম্ম ন করোতি যদীদৃশং কর্ম্ম করোষি তর্হি জগতি নিজং পরিচাযয|
5 Na ne nuanom mpo nnye no nni.
যতস্তস্য ভ্রাতরোপি তং ন ৱিশ্ৱসন্তি|
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo.
তদা যীশুস্তান্ অৱোচৎ মম সময ইদানীং নোপতিষ্ঠতি কিন্তু যুষ্মাকং সমযঃ সততম্ উপতিষ্ঠতি|
7 Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
জগতো লোকা যুষ্মান্ ঋতীযিতুং ন শক্রুৱন্তি কিন্তু মামেৱ ঋতীযন্তে যতস্তেষাং কর্মাণি দুষ্টানি তত্র সাক্ষ্যমিদম্ অহং দদামি|
8 Mo deɛ, monni ɛkan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri sɛ, me berɛ nnuruiɛ.”
অতএৱ যূযম্ উৎসৱেঽস্মিন্ যাত নাহম্ ইদানীম্ অস্মিন্নুৎসৱে যামি যতো মম সময ইদানীং ন সম্পূর্ণঃ|
9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.
ইতি ৱাক্যম্ উক্ত্ত্ৱা স গালীলি স্থিতৱান্
10 Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no.
১০কিন্তু তস্য ভ্রাতৃষু তত্র প্রস্থিতেষু সৎসু সোঽপ্রকট উৎসৱম্ অগচ্ছৎ|
11 Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
১১অনন্তরম্ উৎসৱম্ উপস্থিতা যিহূদীযাস্তং মৃগযিৎৱাপৃচ্ছন্ স কুত্র?
12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforɔ nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ.”
১২ততো লোকানাং মধ্যে তস্মিন্ নানাৱিধা ৱিৱাদা ভৱিতুম্ আরব্ধৱন্তঃ| কেচিদ্ অৱোচন্ স উত্তমঃ পুরুষঃ কেচিদ্ অৱোচন্ ন তথা ৱরং লোকানাং ভ্রমং জনযতি|
13 Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu.
১৩কিন্তু যিহূদীযানাং ভযাৎ কোপি তস্য পক্ষে স্পষ্টং নাকথযৎ|
14 Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.
১৪ততঃ পরম্ উৎসৱস্য মধ্যসমযে যীশু র্মন্দিরং গৎৱা সমুপদিশতি স্ম|
15 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
১৫ততো যিহূদীযা লোকা আশ্চর্য্যং জ্ঞাৎৱাকথযন্ এষা মানুষো নাধীত্যা কথম্ এতাদৃশো ৱিদ্ৱানভূৎ?
16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
১৬তদা যীশুঃ প্রত্যৱোচদ্ উপদেশোযং ন মম কিন্তু যো মাং প্রেষিতৱান্ তস্য|
17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa.
১৭যো জনো নিদেশং তস্য গ্রহীষ্যতি মমোপদেশো মত্তো ভৱতি কিম্ ঈশ্ৱরাদ্ ভৱতি স গনস্তজ্জ্ঞাতুং শক্ষ্যতি|
18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.
১৮যো জনঃ স্ৱতঃ কথযতি স স্ৱীযং গৌরৱম্ ঈহতে কিন্তু যঃ প্রেরযিতু র্গৌরৱম্ ঈহতে স সত্যৱাদী তস্মিন্ কোপ্যধর্ম্মো নাস্তি|
19 Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn enti na mopɛ sɛ mokum me?”
১৯মূসা যুষ্মভ্যং ৱ্যৱস্থাগ্রন্থং কিং নাদদাৎ? কিন্তু যুষ্মাকং কোপি তাং ৱ্যৱস্থাং ন সমাচরতি| মাং হন্তুং কুতো যতধ্ৱে?
20 Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
২০তদা লোকা অৱদন্ ৎৱং ভূতগ্রস্তস্ত্ৱাং হন্তুং কো যততে?
21 Yesu buaa wɔn sɛ, “Anwanwadeɛ baako pɛ a mayɛ enti na mo ho adwiri mo sɛɛ yi.
২১ততো যীশুরৱোচদ্ একং কর্ম্ম মযাকারি তস্মাদ্ যূযং সর্ৱ্ৱ মহাশ্চর্য্যং মন্যধ্ৱে|
22 Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nananom) nanso, motwa twetia homeda.
২২মূসা যুষ্মভ্যং ৎৱক্ছেদৱিধিং প্রদদৌ স মূসাতো ন জাতঃ কিন্তু পিতৃপুরুষেভ্যো জাতঃ তেন ৱিশ্রামৱারেঽপি মানুষাণাং ৎৱক্ছেদং কুরুথ|
23 Sɛ motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me?
২৩অতএৱ ৱিশ্রামৱারে মনুষ্যাণাং ৎৱক্ছেদে কৃতে যদি মূসাৱ্যৱস্থামঙ্গনং ন ভৱতি তর্হি মযা ৱিশ্রামৱারে মানুষঃ সম্পূর্ণরূপেণ স্ৱস্থোঽকারি তৎকারণাদ্ যূযং কিং মহ্যং কুপ্যথ?
24 Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn.”
২৪সপক্ষপাতং ৱিচারমকৃৎৱা ন্যায্যং ৱিচারং কুরুত|
25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ sɛ wɔkum no no anaa?
২৫তদা যিরূশালম্ নিৱাসিনঃ কতিপযজনা অকথযন্ ইমে যং হন্তুং চেষ্টন্তে স এৱাযং কিং ন?
26 Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no.
২৬কিন্তু পশ্যত নির্ভযঃ সন্ কথাং কথযতি তথাপি কিমপি অ ৱদন্ত্যেতে অযমেৱাভিষিক্ত্তো ভৱতীতি নিশ্চিতং কিমধিপতযো জানন্তি?
27 Yɛnim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.”
২৭মনুজোযং কস্মাদাগমদ্ ইতি ৱযং জানোমঃ কিন্ত্ৱভিষিক্ত্ত আগতে স কস্মাদাগতৱান্ ইতি কোপি জ্ঞাতুং ন শক্ষ্যতি|
28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa sɛ, “Ɛwom sɛ monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, nanso monnim no;
২৮তদা যীশু র্মধ্যেমন্দিরম্ উপদিশন্ উচ্চৈঃকারম্ উক্ত্তৱান্ যূযং কিং মাং জানীথ? কস্মাচ্চাগতোস্মি তদপি কিং জানীথ? নাহং স্ৱত আগতোস্মি কিন্তু যঃ সত্যৱাদী সএৱ মাং প্রেষিতৱান্ যূযং তং ন জানীথ|
29 na me deɛ, menim no ɛfiri sɛ, mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me.”
২৯তমহং জানে তেনাহং প্রেরিত অগতোস্মি|
30 Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.
৩০তস্মাদ্ যিহূদীযাস্তং ধর্ত্তুম্ উদ্যতাস্তথাপি কোপি তস্য গাত্রে হস্তং নার্পযদ্ যতো হেতোস্তদা তস্য সমযো নোপতিষ্ঠতি|
31 Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”
৩১কিন্তু বহৱো লোকাস্তস্মিন্ ৱিশ্ৱস্য কথিতৱান্তোঽভিষিক্ত্তপুরুষ আগত্য মানুষস্যাস্য ক্রিযাভ্যঃ কিম্ অধিকা আশ্চর্য্যাঃ ক্রিযাঃ করিষ্যতি?
32 Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra.
৩২ততঃ পরং লোকাস্তস্মিন্ ইত্থং ৱিৱদন্তে ফিরূশিনঃ প্রধানযাজকাঞ্চেতি শ্রুতৱন্তস্তং ধৃৎৱা নেতুং পদাতিগণং প্রেষযামাসুঃ|
33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, “Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.
৩৩ততো যীশুরৱদদ্ অহম্ অল্পদিনানি যুষ্মাভিঃ সার্দ্ধং স্থিৎৱা মৎপ্রেরযিতুঃ সমীপং যাস্যামি|
34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
৩৪মাং মৃগযিষ্যধ্ৱে কিন্তূদ্দেশং ন লপ্স্যধ্ৱে রত্র স্থাস্যামি তত্র যূযং গন্তুং ন শক্ষ্যথ|
35 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn?
৩৫তদা যিহূদীযাঃ পরস্পরং ৱক্ত্তুমারেভিরে অস্যোদ্দেশং ন প্রাপ্স্যাম এতাদৃশং কিং স্থানং যাস্যতি? ভিন্নদেশে ৱিকীর্ণানাং যিহূদীযানাং সন্নিধিম্ এষ গৎৱা তান্ উপদেক্ষ্যতি কিং?
36 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ sɛn?”
৩৬নো চেৎ মাং গৱেষযিষ্যথ কিন্তূদ্দেশং ন প্রাপ্স্যথ এষ কোদৃশং ৱাক্যমিদং ৱদতি?
37 Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.
৩৭অনন্তরম্ উৎসৱস্য চরমেঽহনি অর্থাৎ প্রধানদিনে যীশুরুত্তিষ্ঠন্ উচ্চৈঃকারম্ আহ্ৱযন্ উদিতৱান্ যদি কশ্চিৎ তৃষার্ত্তো ভৱতি তর্হি মমান্তিকম্ আগত্য পিৱতু|
38 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’”
৩৮যঃ কশ্চিন্মযি ৱিশ্ৱসিতি ধর্ম্মগ্রন্থস্য ৱচনানুসারেণ তস্যাভ্যন্তরতোঽমৃততোযস্য স্রোতাংসি নির্গমিষ্যন্তি|
39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wɔgyee no diiɛ no nsa bɛka no ho. Saa ɛberɛ no, na ɔnnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, ɛfiri sɛ, na wɔnnya mmaa ne so nkɔɔ ɔsoro, nhyɛɛ no animuonyam.
৩৯যে তস্মিন্ ৱিশ্ৱসন্তি ত আত্মানং প্রাপ্স্যন্তীত্যর্থে স ইদং ৱাক্যং ৱ্যাহৃতৱান্ এতৎকালং যাৱদ্ যীশু র্ৱিভৱং ন প্রাপ্তস্তস্মাৎ পৱিত্র আত্মা নাদীযত|
40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!”
৪০এতাং ৱাণীং শ্রুৎৱা বহৱো লোকা অৱদন্ অযমেৱ নিশ্চিতং স ভৱিষ্যদ্ৱাদী|
41 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no bɛfiri Galilea?
৪১কেচিদ্ অকথযন্ এষএৱ সোভিষিক্ত্তঃ কিন্তু কেচিদ্ অৱদন্ সোভিষিক্ত্তঃ কিং গালীল্ প্রদেশে জনিষ্যতে?
42 Atwerɛsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?”
৪২সোভিষিক্ত্তো দাযূদো ৱংশে দাযূদো জন্মস্থানে বৈৎলেহমি পত্তনে জনিষ্যতে ধর্ম্মগ্রন্থে কিমিত্থং লিখিতং নাস্তি?
43 Yesu enti, nnipa no mu kyekyɛeɛ.
৪৩ইত্থং তস্মিন্ লোকানাং ভিন্নৱাক্যতা জাতা|
44 Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.
৪৪কতিপযলোকাস্তং ধর্ত্তুম্ ঐচ্ছন্ তথাপি তদ্ৱপুষি কোপি হস্তং নার্পযৎ|
45 Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moamfa no amma?”
৪৫অনন্তরং পাদাতিগণে প্রধানযাজকানাং ফিরূশিনাঞ্চ সমীপমাগতৱতি তে তান্ অপৃচ্ছন্ কুতো হেতোস্তং নানযত?
46 Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.”
৪৬তদা পদাতযঃ প্রত্যৱদন্ স মানৱ ইৱ কোপি কদাপি নোপাদিশৎ|
47 Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa?
৪৭ততঃ ফিরূশিনঃ প্রাৱোচন্ যূযমপি কিমভ্রামিষ্ট?
48 Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?
৪৮অধিপতীনাং ফিরূশিনাঞ্চ কোপি কিং তস্মিন্ ৱ্যশ্ৱসীৎ?
49 Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.”
৪৯যে শাস্ত্রং ন জানন্তি ত ইমেঽধমলোকাএৱ শাপগ্রস্তাঃ|
50 Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.
৫০তদা নিকদীমনামা তেষামেকো যঃ ক্ষণদাযাং যীশোঃ সন্নিধিম্ অগাৎ স উক্ত্তৱান্
51 Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”
৫১তস্য ৱাক্যে ন শ্রুতে কর্ম্মণি চ ন ৱিদিতে ঽস্মাকং ৱ্যৱস্থা কিং কঞ্চন মনুজং দোষীকরোতি?
52 Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.”
৫২ততস্তে ৱ্যাহরন্ ৎৱমপি কিং গালীলীযলোকঃ? ৱিৱিচ্য পশ্য গলীলি কোপি ভৱিষ্যদ্ৱাদী নোৎপদ্যতে|
53 Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.
৫৩ততঃ পরং সর্ৱ্ৱে স্ৱং স্ৱং গৃহং গতাঃ কিন্তু যীশু র্জৈতুননামানং শিলোচ্চযং গতৱান্|

< Yohane 7 >