< Yohane 6 >

1 Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no.
After this, Jesus left to go to the other side of the Sea of Galilee (also known as the Sea of Tiberias).
2 Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi.
A large crowd was following him, for they'd seen his miracles of healing.
3 Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra.
Jesus went up a hill and sat down there with his disciples.
4 Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.
The time for the Jewish festival of the Passover was approaching.
5 Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”
When Jesus looked up, and saw a large crowd coming towards him, he asked Philip, “Where can we buy enough bread to feed all these people?”
6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.
He only asked this to see how Philip would respond, because Jesus already knew what he was going to do.
7 Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.”
“Two hundred silver coins wouldn't buy enough bread to give everyone even just a little,” Philip replied.
8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ,
One of his disciples, Andrew, Simon Peter's brother, spoke up.
9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”
“There's a boy here who has five barley loaves and a couple of fish, but what good is that when there are so many people?”
10 Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
“Have everybody sit down,” Jesus said. There was plenty of grass there, so they all sat down, the men numbering around five thousand.
11 Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
Jesus took the bread, gave thanks, and had it handed out to the people as they sat there. Then he did the same with the fishes, making sure the people had as much as they wanted.
12 Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”
Once they were all full, he said to his disciples, “Collect what's left over so nothing is wasted.”
13 Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
So they collected and filled twelve baskets with the pieces of the five barley loaves the people had eaten.
14 Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.”
When the people saw this miracle, they said, “Surely this is the Prophet who was to come into the world.”
15 Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.
Jesus realized that they were about to force him to become their king, so he left them and went up into the hills to be by himself.
16 Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano.
When evening came, his disciples went down to the sea,
17 Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum.
climbed into a boat, and headed across the water towards Capernaum. By now it was night and Jesus had not joined them yet.
18 Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba.
A strong wind began blowing and the sea grew rough.
19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ,
When they had rowed three or four miles, they saw Jesus walking on the sea, coming towards the boat. They were very frightened.
20 Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!”
“Don't be afraid!” he told them. “It's me.”
21 Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.
Then they gladly took him into the boat, and immediately they reached the shore where they were going.
22 Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho.
The next day the crowd that had stayed on the other side of the sea noticed that there had been only one boat there, and that Jesus had not got into the boat with his disciples, but they had left without him.
23 Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no.
Then other boats arrived from Tiberias, landing near to the place where they'd eaten the bread once the Lord had blessed it.
24 Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
Once the crowd realized that neither Jesus nor his disciples were there, they got into the boats and went over to Capernaum, looking for Jesus.
25 Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?”
When they found him on the other side of the sea, they asked him, “Rabbi, when did you get here?”
26 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti.
“I tell you the truth,” Jesus replied, “you're looking for me because you ate as much bread as you wanted, not because you understood the miracles.
27 Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.” (aiōnios g166)
Don't be preoccupied about food that doesn't last, but concentrate on the lasting food of eternal life which the Son of man will give you, for God the Father has placed his seal of approval on him.” (aiōnios g166)
28 Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
So they asked him, “What do we have to do in order to do what God wants?”
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”
Jesus replied, “What God wants you to do is to trust in the one he sent.”
30 Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
“What miracle are you going to perform for us to see so we can trust you? What are you able to do?” they asked.
31 Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”
“Our forefathers ate manna in the desert in fulfillment of the Scripture that says, ‘He gave them bread from heaven to eat.’”
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa.
“I tell you the truth, it wasn't Moses who gave you bread from heaven,” Jesus replied. “It's my Father who gives you the true bread of heaven.
33 Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”
For the bread of God is the one who comes from heaven and gives life to the world.”
34 Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”
“Lord, please give us this kind of bread all the time!” they said.
35 Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
“I am the bread of life,” Jesus replied. “Anyone who comes to me will never be hungry again, and anyone who trusts in me will never be thirsty again.
36 Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni.
But as I explained to you before, you have seen me, but you still don't trust me.
37 Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
All those the Father gives me will come to me, and I won't reject any of them.
38 Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ.
For I came down from heaven not to do what I want, but to do what the one who sent me wants.
39 Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ.
What he wants is for me not to lose anyone he has given to me, but for me to raise them up at the last day.
40 MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.” (aiōnios g166)
What my Father wants is for everyone who sees the Son and trusts in him to have eternal life, and for me to raise them up at the last day.” (aiōnios g166)
41 Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ.
Then the Jews began to grumble about him because he had said, “I am the bread that came down from heaven.”
42 Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?”
They said, “Isn't this Jesus, the son of Joseph? We know his father and his mother. So how can he now tell us, ‘I came down from heaven’?”
43 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no.
“Stop grumbling to each other,” Jesus said.
44 Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
“No one can come to me unless the Father who sent me attracts them, and I will raise them up at the last day.
45 Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
As is written in Scripture by the prophets, ‘Everyone will be taught by God.’ Everyone who listens to and learns from the Father comes to me.
46 Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no.
Not that anyone has seen God, except he who is from God; he has seen the Father.
47 Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
I tell you the truth: anyone who trusts in him has eternal life. (aiōnios g166)
48 Mene burodo a ɛma nkwa no.
I am the bread of life.
49 Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ,
Your forefathers ate manna in the desert but they still died.
50 nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da.
But this is the bread that comes down from heaven, and anyone who eats it won't ever die.
51 Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.” (aiōn g165)
I am the life-giving bread from heaven, and anyone who eats this bread will live forever. The bread is my flesh that I give so that the world may live.” (aiōn g165)
52 Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”
Then the Jews argued heatedly among themselves. “How can this man give us his flesh to eat?” they asked.
53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ.
Jesus told them, “I tell you the truth, unless you eat the flesh of the Son of man and drink his blood, you cannot truly live.
54 Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. (aiōnios g166)
Those who eat my flesh and drink my blood have eternal life, and I will raise them up at the last day. (aiōnios g166)
55 Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
For my flesh is true food, and my blood is true drink.
56 Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu.
Those who eat my flesh and drink my blood remain in me, and I remain in them.
57 Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase.
Just as the life-giving Father sent me and I live because of the Father, so anyone who feeds on me will live because of me.
58 Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” (aiōn g165)
Now this is the bread that came down from heaven, not the kind your forefathers ate and still died. Anyone who eats this bread will live forever.” (aiōn g165)
59 Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
Jesus explained this while he was teaching in a synagogue at Capernaum.
60 Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
Many of his disciples when they heard it said, “This is hard to accept! Who can follow it?”
61 Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa?
Jesus saw that his disciples were complaining about this, so he asked them, “Are you offended by this?
62 Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ?
Then what if you were to see the Son ascend to where he was before?
63 Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
The Spirit gives life; the physical body doesn't do anything. The words I've told you are spirit and life!
64 nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho.
Yet there are some of you who don't trust me.” (Jesus had known from the very beginning who didn't trust him, and who would betray him.)
65 Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no.
Jesus added, “This is why I told you that no one can come to me unless it is made possible by the Father.”
66 Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
From this time on many of Jesus' disciples gave up and no longer followed him.
67 Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”
Then Jesus asked the twelve disciples, “What about you? Do you want to leave as well?”
68 Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
Simon Peter answered, “Lord, who would we follow? You're the one who has the words of eternal life. (aiōnios g166)
69 Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
We trust in you, and we're convinced that you are God's Holy One.”
70 Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
Jesus replied, “Didn't I choose you, the twelve disciples? Yet one of you is a devil.”
71 Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.
(Jesus was referring to Judas, son of Simon Iscariot. He was the one of the twelve disciples who would betray Jesus.)

< Yohane 6 >