< Yohane 4 >
1 Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn.
When, therefore, the Lord knew that the Pharisees had heard that Jesus was making and immersing more disciples than John,
2 Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu.
(though not Jesus himself, but his disciples immersed, )
3 Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea.
he left Judea, and went again into Galilee.
4 Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
And it was necessary that he should go through Samaria.
5 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
He came, therefore, to a city of Samaria, called Sychar, near the field that Jacob gave to his son Joseph.
6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.
And Jacob’s well was there. Jesus, therefore, wearied with his journey, sat thus on the well. It was about the sixth hour.
7 Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.”
There came a woman of Samaria to draw water. And Jesus said to her: Give me to drink.
8 Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.
For his disciples had gone into the city to buy food.
9 Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.
Then the woman of Samaria said to him: How is it that you, who are a Jew, ask drink of me, who am a woman of Samaria? (For the Jews have no social intercourse with the Samaritans.)
10 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”
Jesus answered and said to her: If you had known the gift of God, and who it is that said to you, Give me to drink, you would have asked of him, and he would have given you living water.
11 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri?
The woman said to him: Sir, you have no vessel with which you can draw, and the well is deep; whence have you that living water?
12 Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”
Are you greater than our father Jacob, who gave us the well, and drank from it himself, and his sons, and his cattle?
13 Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio,
Jesus answered and said to her: Whoever drinks of this water, will thirst again;
14 nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” (aiōn , aiōnios )
but whoever drinks of the water that I will give him, shall never thirst. But the water that I will give him, shall be in him a fountain of water springing up in order to eternal life. (aiōn , aiōnios )
15 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”
The woman said to him: Sir, give me this water, that I may not thirst, nor come hither to draw.
16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
Jesus said to her: Go, call your husband, and come hither.
17 Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.” Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no.
The woman answered and said: I have no husband. Jesus said to her: You have well said. I have no husband;
18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”
for you have had five husbands, and he whom you now have is not your husband. In this you have spoken truly.
19 Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.
The woman said to him: Sir, I perceive that thou art a prophet.
20 Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.”
Our fathers worshiped in this mountain, and you Jews say that in Jerusalem is the place where we ought to worship.
21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.
Jesus said to her: Woman, believe me, the hour is coming, when neither in this mountain, nor in Jerusalem, will you worship the Father.
22 Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba.
You worship you know not what; we know what we worship; for salvation is of the Jews.
23 Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ.
But the hour is coming, and now is, when the true worshipers will worship the Father in spirit and in truth; for the Father seeks such to worship him.
24 Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”
God is spirit; and they that worship him, must worship him in spirit and in truth.
25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
The woman said to him: I know that Messiah (who is called Christ) is coming; when he comes, he will tell us all things.
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
Jesus said to her: I who speak to you am he.
27 Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.
And upon this his disciples came, and were astonished that he was talking with the woman. Yet no one said: What seekest thou? or, why talkest thou with her?
28 Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ,
Then the woman left her water-pot, and went into the city, and said to the men:
29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?”
Come, see a man who has told me all things that I ever did. Is not this the Christ?
30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
Then they went out of the city and came to him.
31 Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.”
In the mean time, the disciples besought him, saying: Rabbi, eat.
32 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.”
But he said to them: I have food to eat of which you know not.
33 Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?”
Then the disciples said one to another: Has any one brought him food?
34 Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no.
Jesus said to them: My food is to do the will of him that sent me, and to finish his work.
35 Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru!
Do you not say, There are yet four months, and harvest comes? Behold, I say to you, Lift up your eyes, and look on the fields, for they are already white for the harvest.
36 Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. (aiōnios )
And he that reaps receives wages, and gathers fruit for life eternal; that he that sows, and he that reaps, may rejoice together. (aiōnios )
37 Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
For in this is the saying true, One sows and another reaps.
38 Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.”
I have sent you to reap that on which you bestowed no labor. Others have labored, and you have entered into their labors.
39 Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
And many of the Samaritans of that city believed on him, because of the word of the woman who testified, He told me all things that I ever did.
40 Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn.
When, therefore, the Samaritans came to him, they besought him to abide with them. And he abode there two days.
41 Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ.
And many more believed because of his own word;
42 Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.”
and they said to the woman: We no longer believe because of what you said, for we ourselves have heard, and we know that this is in truth the Savior of the world, the Christ.
43 Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea.
And after two days he departed thence, and went into Galilee;
44 Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne ɔman mu deɛ, nanso
for Jesus himself testified that a prophet has no honor in his own country.
45 ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no.
Therefore, when he came into Galilee, the Galileans received him, because they had seen all things that he had done in Jerusalem during the feast; for they themselves had gone to the feast.
46 Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
Then Jesus came again into Cana of Galilee, where he had made the water wine. And there was a certain courtier, whose sou was sick in Capernaum.
47 tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.
When he heard that Jesus had come from Judea into Galilee, he went to him, and besought him that he would come down, and restore his son to health, for he was about to die.
48 Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”
Then said Jesus to him: Unless you see signs and wonders, you will not believe.
49 Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.”
The courtier said to him: Sir, come down before my child die.
50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie.
Jesus said to him: Go, your child lives. And the man believed the word that Jesus spoke, and departed.
51 Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den.
And as he was going down, his servants met him, and said: Your son lives.
52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.”
Then he inquired of them the hour in which he was restored to health. And they said to him: Yesterday, at the seventh hour, the fever left him.
53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.
Then his father knew that it was in the same hour in which Jesus said to him, Your son lives. And he himself, and all his house, believed.
54 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.
This is the second sign which Jesus did, when he came out of Judea into Galilee.