< Yohane 3 >

1 Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no,
There was a man of the Pharisees, named Nicodemus, a ruler of the Jews:
2 kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”
The same came to Jesus by night, and said unto him, Rabbi, we know that thou art a teacher come from God: for no man can do these miracles that thou doest, except God be with him.
3 Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
Jesus answered and said unto him, Verily, verily, I say unto thee, Except a man be born again, he cannot see the kingdom of God.
4 Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?”
Nicodemus saith unto him, How can a man be born when he is old? can he enter the second time into his mother’s womb, and be born?
5 Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
Jesus answered, Verily, verily, I say unto thee, Except a man be born of water and [of] the Spirit, he cannot enter into the kingdom of God.
6 Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.
That which is born of the flesh is flesh; and that which is born of the Spirit is spirit.
7 Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ!
Marvel not that I said unto thee, Ye must be born again.
8 Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.”
The wind bloweth where it listeth, and thou hearest the sound thereof, but canst not tell whence it cometh, and whither it goeth: so is every one that is born of the Spirit.
9 Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu?”
Nicodemus answered and said unto him, How can these things be?
10 Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase?
Jesus answered and said unto him, Art thou a master of Israel, and knowest not these things?
11 Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni.
Verily, verily, I say unto thee, We speak that we do know, and testify that we have seen; and ye receive not our witness.
12 Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi?
If I have told you earthly things, and ye believe not, how shall ye believe, if I tell you [of] heavenly things?
13 Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no.
And no man hath ascended up to heaven, but he that came down from heaven, [even] the Son of man which is in heaven.
14 Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so,
And as Moses lifted up the serpent in the wilderness, even so must the Son of man be lifted up:
15 na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
That whosoever believeth in him should not perish, but have eternal life. (aiōnios g166)
16 “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
For God so loved the world, that he gave his only begotten Son, that whosoever believeth in him should not perish, but have everlasting life. (aiōnios g166)
17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa.
For God sent not his Son into the world to condemn the world; but that the world through him might be saved.
18 Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni.
He that believeth on him is not condemned: but he that believeth not is condemned already, because he hath not believed in the name of the only begotten Son of God.
19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne.
And this is the condemnation, that light is come into the world, and men loved darkness rather than light, because their deeds were evil.
20 Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi.
For every one that doeth evil hateth the light, neither cometh to the light, lest his deeds should be reproved.
21 Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.”
But he that doeth truth cometh to the light, that his deeds may be made manifest, that they are wrought in God.
22 Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ.
After these things came Jesus and his disciples into the land of Judæa; and there he tarried with them, and baptized.
23 Saa ɛberɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu.
And John also was baptizing in Ænon near to Salim, because there was much water there: and they came, and were baptized.
24 Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase.
For John was not yet cast into prison.
25 Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho.
Then there arose a question between [some] of John’s disciples and the Jews about purifying.
26 Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”
And they came unto John, and said unto him, Rabbi, he that was with thee beyond Jordan, to whom thou barest witness, behold, the same baptizeth, and all [men] come to him.
27 Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho.
John answered and said, A man can receive nothing, except it be given him from heaven.
28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’
Ye yourselves bear me witness, that I said, I am not the Christ, but that I am sent before him.
29 Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno enti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no.
He that hath the bride is the bridegroom: but the friend of the bridegroom, which standeth and heareth him, rejoiceth greatly because of the bridegroom’s voice: this my joy therefore is fulfilled.
30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa.
He must increase, but I [must] decrease.
31 “Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni.
He that cometh from above is above all: he that is of the earth is earthly, and speaketh of the earth: he that cometh from heaven is above all.
32 Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni.
And what he hath seen and heard, that he testifieth; and no man receiveth his testimony.
33 Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.
He that hath received his testimony hath set to his seal that God is true.
34 Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.
For he whom God hath sent speaketh the words of God: for God giveth not the Spirit by measure [unto him].
35 Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.
The Father loveth the Son, and hath given all things into his hand.
36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.” (aiōnios g166)
He that believeth on the Son hath everlasting life: and he that believeth not the Son shall not see life; but the wrath of God abideth on him. (aiōnios g166)

< Yohane 3 >