< Yohane 21 >
1 Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie:
事後,耶穌在提庇黎雅海邊,又顯現給門徒;他是這樣顯現的:
2 Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho.
當西滿伯多祿,號稱狄狄摩的多默,加里肋亞加納的納塔乃耳,載伯德的兩個兒子,和其他兩個門徒在一起的時候,
3 Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, “Merekɔyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.
西滿伯多祿對他們說: 「我去打魚。」他們回答說: 「我們也同你一起去。」他們便出去,上了船;但那一夜什麼也沒捕到。
4 Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
已經到了早晨,耶穌站在岸上,門徒卻沒有認出他是耶穌。
5 Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, moayi nam bi anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Dabi.”
耶穌對他們說:「孩子們,你們有些魚吃嗎?」他們回答說:「沒有。」
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
耶穌向他們說:「向船右邊撒網,就會捕到。」他們便撒下網去,因為魚太多,竟不能拉上網來。
7 Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ.
耶穌所愛的那個門徒就對伯多祿說:「是主。」西滿伯多祿一聽說是主,他原是赤著身,就束上外衣,縱身跳入海裏;
8 Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha.
其他的門徒,因離岸不遠──約有二百肘──坐著小船,拖著一網魚而來。
9 Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.
他們上了岸,看見放著一堆炭火,上面放著魚和餅。
10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa nam a moayi no bi mmra.”
耶穌對他們說 :「把你們剛才所打得的魚拿一些來!」
11 Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete.
西滿伯多祿便上去,把網拉上岸來,網裏滿了大魚,共一百五十三條;雖然這麼多,網卻沒有破。
12 Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.
耶穌向他們說:「你們來吃早飯罷! 」門徒中沒有人敢問他:「你是誰?」因為知道是主。
13 Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn.
耶穌遂上前拿起餅來,遞給他們;也同樣拿起魚來,遞給他們。
14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
耶穌從死者中復活後,向門徒顯現,這已是第三次。
15 Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”
吃完了早飯,耶穌對西滿伯多祿說:「若望的兒子西滿,你比他們更愛我嗎?」伯多祿回答說:「主,是的,你知道我愛你。」耶穌就對他說:「你餵養我的羔羊。」
16 Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.”
耶穌第二次又問他說:「若望的兒子西滿,你愛我嗎?」伯多祿回答說:「主,是的,你知道我愛你。」耶穌就對他說:「你牧放我的羊群。」
17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan.
耶穌說:「若望的兒子西滿,你愛我嗎?」伯多祿因耶穌第三次問他說:「你愛我嗎?」便憂愁起來,遂向他說:「主啊! 一切你都知道,你曉得我愛你。」耶穌對他說:「你餵養我的羊群。」
18 Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.”
我實實在在告訴你:你年少時,自己束上腰,任意往來;但到了老年,你要伸出手來,別人要給你束上腰,帶你往你不願去的地方去。」
19 Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.”
耶穌說這話,是指他將以怎樣的死,去光榮天主。說完這話,又對他說:「跟隨我罷! 」
20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no?
伯多祿轉過身來,看見耶穌所愛的那個門徒跟著,即在晚餐時靠耶穌胸膛前問:「主! 是誰出賣你?」的那個門徒。
21 Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?”
伯多祿一看見他,就對耶穌說:「主,他怎樣?」
22 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi.”
耶穌向他說:「我如果要他存留直到我來,與你何干?你只管跟隨我。」
23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
於是在兄弟們中間傳出這話說:「那門徒不死。」其實耶穌並沒有說:他不死,而只說:「我如果要他存留直到我來,與你何干?」
24 Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ.
為這些事作證,且寫下這些事的,就是這個門徒,我們知道:他的作證是真實的。
25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na sɛ wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di sɛ ɛrensene ewiase.
耶穌所行的還有許多別的事;假使要一一寫出來,我想所要寫的書,連這世界也容不下。