< Yohane 19 >

1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa.
Pilate fit donc prendre Jésus, et le fit fouetter.
2 Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
Et les soldats ayant tressé une couronne d'épines, la lui mirent sur la tête, et le vêtirent d'un manteau de pourpre.
3 Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”
Et ils lui disaient: Roi des Juifs, nous te saluons; et ils lui donnaient des soufflets.
4 Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
Pilate sortit de nouveau et leur dit: Voici, je vous l'amène dehors, afin que vous sachiez que je ne trouve aucun crime en lui.
5 Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!”
Jésus sortit donc, portant la couronne d'épines, et le manteau de pourpre. Et il leur dit: Voici l'homme.
6 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
Mais quand les principaux sacrificateurs et les sergents le virent, ils s'écrièrent: Crucifie-le, crucifie-le! Pilate leur dit: Prenez-le vous-mêmes et le crucifiez; car je ne trouve aucun crime en lui.
7 Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
Les Juifs lui répondirent: Nous avons une loi, et selon notre loi il doit mourir, parce qu'il s'est fait Fils de Dieu.
8 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie.
Pilate entendant cette parole, eut encore plus de crainte.
9 Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no.
Il rentra donc dans le prétoire, et il dit à Jésus: D'où es-tu? Mais Jésus ne lui fit aucune réponse.
10 Pilato bisaa no sɛ, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, mewɔ tumi sɛ megyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!”
Alors Pilate lui dit: Tu ne me dis rien? Ne sais-tu pas que j'ai le pouvoir de te faire crucifier, et le pouvoir de te délivrer?
11 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
Jésus lui répondit: Tu n'aurais aucun pouvoir sur moi, s'il ne t'avait été donné d'en haut; c'est pourquoi celui qui m'a livré à toi est coupable d'un plus grand péché.
12 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Sɛ wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
Dès lors Pilate cherchait à le délivrer; mais les Juifs criaient: Si tu délivres cet homme, tu n'es pas ami de César, car quiconque se fait roi se déclare contre César.
13 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.”
Pilate entendant cette parole, mena Jésus dehors, et s'assit sur son tribunal, au lieu appelé le Pavé, en hébreu Gabbatha.
14 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no. Pilato ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Mo ɔhene no ni!”
(Or, c'était la préparation de Pâque, et environ la sixième heure); et il dit aux Juifs: Voilà votre roi.
15 Ɛdɔm no nso teateaa mu bio sɛ, “Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ, “Mopɛ sɛ mebɔ mo ɔhene no asɛnnua mu anaa?” Asɔfoɔ mpanin no kaa sɛ, “Yɛn ɔhene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”
Mais ils s'écrièrent: Ote-le, ôte-le, crucifie-le! Pilate leur dit: Crucifierai-je votre roi? Les principaux sacrificateurs répondirent: Nous n'avons point d'autre roi que César.
16 Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Alors il le leur livra pour être crucifié. Ils le prirent donc et l'emmenèrent.
17 Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitire So” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.”
Et Jésus, portant sa croix, vint au lieu appelé le Crâne, qui se dit en hébreu Golgotha;
18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.
Où ils le crucifièrent, et deux autres avec lui, d'un côté, et de l'autre, et Jésus au milieu.
19 Pilato twerɛɛ sɛ: Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi.
Pilate fit aussi un écriteau et le plaça sur la croix; et on y avait écrit: JÉSUS DE NAZARETH, ROI DES JUIFS.
20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ.
Plusieurs donc des Juifs lurent cet écriteau, parce que le lieu où Jésus était crucifié, était près de la ville; et qu'il était écrit en hébreu, en grec et en latin.
21 Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ ɔhene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ ɔhene!’”
Et les principaux sacrificateurs des Juifs dirent à Pilate: N'écris pas: Le roi des Juifs; mais qu'il a dit: Je suis le roi des Juifs.
22 Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
Pilate répondit: Ce que j'ai écrit, je l'ai écrit.
23 Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.
Après que les soldats eurent crucifié Jésus, ils prirent ses habits, et ils en firent quatre parts, une part pour chaque soldat; ils prirent aussi la robe; mais la robe était sans couture, d'un seul tissu, depuis le haut.
24 Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.” Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu, bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu. Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.
Ils dirent donc entre eux: Ne la partageons pas, mais tirons au sort à qui l'aura; afin que fût accomplie cette parole de l'Écriture: Ils se sont partagés mes vêtements, et ils ont tiré au sort ma robe. Ainsi firent les soldats.
25 Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene.
Or, la mère de Jésus, et la sœur de sa mère, Marie, femme de Cléopas, et Marie de Magdala, se tenaient près de la croix de Jésus.
26 Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.”
Jésus donc, voyant sa mère et près d'elle le disciple qu'il aimait, dit à sa mère: Femme, voilà ton fils.
27 Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
Puis il dit au disciple: Voilà ta mère. Et dès cette heure, le disciple la prit chez lui.
28 Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
Après cela, Jésus, voyant que tout était accompli, dit, afin que l'Écriture fût accomplie: J'ai soif. Or il y avait là un vase plein de vinaigre.
29 Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano.
Ils emplirent donc de vinaigre une éponge, et l'ayant mise autour d'une tige d'hysope, ils la lui présentèrent à la bouche.
30 Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.
Et quand Jésus eut pris le vinaigre, il dit: Tout est accompli. Et ayant baissé la tête, il rendit l'esprit.
31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so.
Or, les Juifs, de peur que les corps ne demeurassent sur la croix le jour du sabbat (car c'était la préparation, et ce sabbat était un grand jour), demandèrent à Pilate qu'on rompît les jambes aux crucifiés, et qu'on les enlevât.
32 Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan.
Les soldats vinrent donc et rompirent les jambes au premier, puis à l'autre qui était crucifié avec lui.
33 Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi.
Mais lorsqu'ils vinrent à Jésus, voyant qu'il était déjà mort, ils ne lui rompirent point les jambes.
34 Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ.
Toutefois un des soldats lui perça le côté avec une lance, et aussitôt il en sortit du sang et de l'eau.
35 Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi.
Et celui qui l'a vu en a rendu témoignage (et son témoignage est véritable, et il sait qu'il dit vrai), afin que vous croyiez.
36 Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi”
Or, cela arriva, afin que l'Écriture fût accomplie: Ses os ne seront pas rompus.
37 ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu.
Et ailleurs l'Écriture dit encore: Ils verront celui qu'ils ont percé.
38 Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no.
Après cela, Joseph d'Arimathée, qui était disciple de Jésus, mais en secret par crainte des Juifs, demanda à Pilate de pouvoir ôter le corps de Jésus, et Pilate le lui permit. Il vint donc et ôta le corps de Jésus.
39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ.
Nicodème, qui au commencement était allé de nuit vers Jésus, vint aussi, apportant environ cent livres d'un mélange de myrrhe et d'aloès.
40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no.
Ils prirent donc le corps de Jésus, et l'enveloppèrent de bandes, avec les aromates, comme les Juifs ont coutume d'ensevelir.
41 Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no.
Or, il y avait un jardin dans le lieu où il avait été crucifié; et dans le jardin un sépulcre neuf, où personne encore n'avait été mis.
42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no enti, wɔsiee Yesu amu no wɔ hɔ.
Ils y mirent donc Jésus, à cause de la préparation des Juifs, et parce que le sépulcre était proche.

< Yohane 19 >