< Yohane 16 >
1 “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn.
내가 이것을 너희에게 이름은 너희로 실족지 않게 하려 함이니
2 Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na ɛberɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛkum mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn.
사람들이 너희를 출회 할 뿐 아니라 때가 이르면 무릇 너희를 죽이는 자가 생각하기를 이것이 하나님을 섬기는 예라 하리라
3 Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me.
저희가 이런 일을 할 것은 아버지와 나를 알지 못함이라
4 Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɛberɛ no duru a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Ahyɛaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.”
오직 너희에게 이 말을 이른 것은 너희로 그 때를 당하면 내가 너희에게 이 말 한 것을 기억나게 하려 함이요 처음부터 이 말을 하지 아니한 것은 내가 너희와 함께 있었음이니라
5 “Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’
지금 내가 나를 보내신 이에게로 가는데 너희 중에서 나더러 어디로 가느냐 묻는 자가 없고
6 Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho.
도리어 내가 이 말을 하므로 너희 마음에 근심이 가득하였도다
7 Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn.
그러하나 내가 너희에게 실상을 말하노니 내가 떠나가는 것이 너희에게 유익이라 내가 떠나가지 아니하면 보혜사가 너희에게로 오시지 아니할 것이요 가면 내가 그를 너희에게로 보내리니
8 Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo.
그가 와서 죄에 대하여 의에 대하여 심판에 대하여 세상을 책망하시리라
9 Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni.
죄에 대하여라 함은 저희가 나를 믿지 아니함이요
10 Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio.
의에 대하여라 함은 내가 아버지께로 가니 너희가 다시 나를 보지 못함이요
11 Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada.
심판에 대하여라 함은 이 세상 임금이 심판을 받았음이니라
12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ.
내가 아직도 너희에게 이를 것이 많으나 지금은 너희가 감당치 못하리라
13 Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo.
그러하나 진리의 성령이 오시면 그가 너희를 모든 진리 가운데로 인도하시리니 그가 자의로 말하지 않고 오직 듣는 것을 말하시며 장래 일을 너희에게 알리시리라
14 Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.
그가 내 영광을 나타내리니 내 것을 가지고 너희에게 알리겠음이니라
15 Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.”
무릇 아버지께 있는 것은 다 내 것이라 그러므로 내가 말하기를 그가 내 것을 가지고 너희에게 알리리라 하였노라
16 “Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.”
조금 있으면 너희가 나를 보지 못하겠고 또 조금 있으면 나를 보리라' 하신대
17 Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’”
제자 중에서 서로 말하되 `우리에게 말씀하신바 조금 있으면 나를 보지 못하겠고 또 조금 있으면 나를 보리라' 하시며 또 내가 아버지께로 감이라 하신 것이 무슨 말씀이뇨 하고
18 Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.”
또 말하되 `조금 있으면이라 한 말씀이 무슨 말씀이뇨? 무엇을 말씀하시는지 알지 못하노라' 하거늘
19 Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi?
예수께서 그 묻고자 함을 아시고 가라사대 `내 말이 조금 있으면 나를 보지 못하겠고 또 조금 있으면 나를 보리라 하므로 서로 문의하느냐?
20 Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.
내가 진실로 진실로 너희에게 이르노니 너희는 곡하고 애통하겠으나 세상은 기뻐하리라 너희는 근심하겠으나 너희 근심이 도리어 기쁨이 되리라
21 Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase.
여자가 해산하게 되면 그 때가 이르렀으므로 근심하나 아이를 낳으면 세상에 사람 난 기쁨을 인하여 그 고통을 다시 기억지 아니하느니라
22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam.
지금은 너희가 근심하나 내가 다시 너희를 보리니 너희 마음이 기쁠 것이요 너희 기쁨을 빼앗을 자가 없느니라
23 Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo.
그 날에는 너희가 아무 것도 내게 묻지 아니하리라 내가 진실로 진실로 너희에게 이르노니 너희가 무엇이든지 아버지께 구하는 것을 내 이름으로 주시리라
24 Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
지금까지는 너희가 내 이름으로 아무 것도 구하지 아니하였으나 구하라 그리하면 받으리니 너희 기쁨이 충만하리라
25 “Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo.
이것을 비사로 너희에게 일렀거니와 때가 이르면 다시 비사로 너희에게 이르지 않고 아버지에 대한 것을 밝히 이르리라
26 Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo,
그 날에 너희가 내 이름으로 구할 것이요 내가 너희를 위하여 아버지께 구하겠다 하는 말이 아니니
27 ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ.
이는 너희가 나를 사랑하고 또 나를 하나님께로서 온 줄 믿은 고로 아버지께서 친히 너희를 사랑하심이니라
28 Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.”
내가 아버지께로 나와서 세상에 왔고 다시 세상을 떠나 아버지께로 가노라' 하시니
29 Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ.
제자들이 말하되 지금은 밝히 말씀하시고 아무 비사도 하지 아니하시니
30 Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.”
우리가 지금에야 주께서 모든 것을 아시고 또 사람의 물음을 기다리시지 않는 줄 아나이다 이로써 하나님께로서 나오심을 우리가 믿삽나이다
31 Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di?
예수께서 대답하시되 `이제는 너희가 믿느냐?
32 Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho.
보라 너희가 다 각각 제 곳으로 흩어지고 나를 혼자 둘 때가 오나니 벌써 왔도다 그러나 내가 혼자 있는 것이 아니라 아버지께서 나와 함께 계시느니라
33 “Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!”
이것을 너희에게 이름은 너희로 내 안에서 평안을 누리게 하려 함이라 세상에서는 너희가 환난을 당하나 담대하라! 내가 세상을 이기었노라!' 하시니라