< Yohane 15 >

1 “Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no.
“I am the true vine, and My Father is the keeper of the vineyard.
2 Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree.
He cuts off every branch in Me that bears no fruit, and every branch that does bear fruit, He prunes to make it even more fruitful.
3 Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada.
You are already clean because of the word I have spoken to you.
4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.
Remain in Me, and I will remain in you. Just as no branch can bear fruit by itself unless it remains in the vine, neither can you bear fruit unless you remain in Me.
5 “Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
I am the vine and you are the branches. The one who remains in Me, and I in him, will bear much fruit. For apart from Me you can do nothing.
6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye.
If anyone does not remain in Me, he is like a branch that is thrown away and withers. Such branches are gathered up, thrown into the fire, and burned.
7 Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo.
If you remain in Me and My words remain in you, ask whatever you wish, and it will be done for you.
8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.
This is to My Father’s glory, that you bear much fruit, proving yourselves to be My disciples.
9 “Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
As the Father has loved Me, so have I loved you. Remain in My love.
10 Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no.
If you keep My commandments, you will remain in My love, just as I have kept My Father’s commandments and remain in His love.
11 Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mʼanigyeɛ no bi na ama mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
I have told you these things so that My joy may be in you and your joy may be complete.
12 Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
This is My commandment, that you love one another as I have loved you.
13 Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
Greater love has no one than this, that he lay down his life for his friends.
14 Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom.
You are My friends if you do what I command you.
15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
No longer do I call you servants, for a servant does not understand what his master is doing. But I have called you friends, because everything I have learned from My Father I have made known to you.
16 Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.
You did not choose Me, but I chose you. And I appointed you to go and bear fruit—fruit that will remain—so that whatever you ask the Father in My name, He will give you.
17 Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.
This is My command to you: Love one another.
18 “Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo.
If the world hates you, understand that it hated Me first.
19 Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no.
If you were of the world, it would love you as its own. Instead, the world hates you, because you are not of the world, but I have chosen you out of the world.
20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsene ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo.
Remember the word that I spoke to you: ‘No servant is greater than his master.’ If they persecuted Me, they will persecute you as well; if they kept My word, they will keep yours as well.
21 Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
But they will treat you like this because of My name, since they do not know the One who sent Me.
22 Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.
If I had not come and spoken to them, they would not be guilty of sin. Now, however, they have no excuse for their sin.
23 Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
Whoever hates Me hates My Father as well.
24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya.
If I had not done among them the works that no one else did, they would not be guilty of sin; but now they have seen and hated both Me and My Father.
25 Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
But this is to fulfill what is written in their Law: ‘They hated Me without reason.’
26 “Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.
When the Advocate comes, whom I will send to you from the Father—the Spirit of truth who proceeds from the Father—He will testify about Me.
27 Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ pɛɛ.”
And you also must testify, because you have been with Me from the beginning.

< Yohane 15 >