< Yohane 13 >

1 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
شب عید پِسَح فرا رسید. عیسی می‌دانست که وقت آن رسیده که این جهان را ترک کند و نزد پدر برود. او که شاگردانش را در طول خدمت زمینی‌اش محبت کرده بود، اکنون محبت خود را به کمال به ایشان نشان داد.
2 Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma.
وقت شام بود، و ابلیس از پیش، یهودا، پسر شمعون اسخریوطی را برانگیخته بود که به عیسی خیانت کند.
3 Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn.
عیسی می‌دانست که پدر اختیار همه چیز را به دست او سپرده، و اینکه از نزد خدا آمده و باید بار دیگر نزد او بازگردد.
4 Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene.
پس، از سر شام بلند شد، لباس خود را درآورد، حوله‌ای به کمر بست،
5 Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.
آب در لگن ریخت و به شستن پاهای شاگردان و خشک کردن آنها با حوله پرداخت.
6 Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?”
وقتی به شمعون پطرس رسید، پطرس به او گفت: «سرورم، تو نباید پاهای ما را بشویی.»
7 Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.”
عیسی جواب داد: «اکنون علّت کار مرا درک نمی‌کنی؛ ولی یک روز خواهی فهمید.»
8 Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.” (aiōn g165)
پطرس بار دیگر با اصرار گفت: «نه، هرگز نمی‌گذارم پاهای مرا بشویی.» عیسی فرمود: «اگر پاهای تو را نشویم تو به من تعلق نخواهی داشت.» (aiōn g165)
9 Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”
پطرس با عجله گفت: «سرورم، پس حالا که اینطور است، نه فقط پا، بلکه دست و صورتم را نیز بشوی.»
10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.”
عیسی جواب داد: «کسی که تازه حمام کرده، فقط کافی است که پاهای خود را بشوید تا تمام بدنش پاکیزه شود. شما نیز پاکید ولی نه همه.»
11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.
چون عیسی می‌دانست چه کسی به او خیانت خواهد کرد؛ از این جهت گفت که همهٔ شاگردان پاک نیستند.
12 Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa?
پس از آنکه پاهای شاگردان خود را شست، لباس خود را پوشید و سر میز شام نشست و پرسید: «آیا فهمیدید چرا این کار را کردم؟
13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ.
شما مرا استاد و خداوند می‌خوانید، و درست می‌گویید چون همین‌طور نیز هست.
14 Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase.
حال، اگر من که خداوند و استاد شما هستم، پاهای شما را شستم، شما نیز باید پاهای یکدیگر را بشویید.
15 Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara.
من به شما سرمشقی دادم تا شما نیز همین‌طور رفتار کنید.
16 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no.
چون مسلماً خدمتکار از اربابش بالاتر نیست و قاصد نیز از فرستنده‌اش مهمتر نمی‌باشد.
17 Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.
در زندگی، سعادت در این است که به آنچه می‌دانید، عمل کنید.»
18 “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu.
«این را به همهٔ شما نمی‌گویم، چون تک‌تک شما را که انتخاب کرده‌ام، خوب می‌شناسم. اما آنچه در کتب مقدّس آمده باید جامۀ عمل بپوشد که می‌فرماید:”کسی که نان و نمک مرا می‌خورْد، دشمن من شده است.“
19 “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi.
این را به شما می‌گویم تا وقتی واقع شد، به من ایمان بیاورید.
20 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.”
بدانید که هر کس فرستادۀ مرا قبول کند، مرا پذیرفته است و آنکه مرا قبول کند فرستندۀ مرا پذیرفته است.»
21 Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”
پس از این سخن، عیسی به شدت محزون شد و با دلی شکسته گفت: «براستی به شما می‌گویم که یکی از شما به من خیانت خواهد کرد.»
22 Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ ɔde no no.
شاگردان مات و مبهوت به یکدیگر نگاه می‌کردند و در حیرت بودند که عیسی این را درباره چه کسی می‌گوید.
23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ.
یکی از شاگردان، که عیسی دوستش می‌داشت، کنار او تکیه زده بود.
24 Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”
شمعون پطرس به او اشاره کرد تا بپرسد کیست که دست به چنین کار وحشتناکی می‌زند.
25 Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan?”
پس، آن شاگرد به عیسی نزدیکتر شد و پرسید: «خداوندا، آن شخص کیست؟»
26 Yesu buaa sɛ, “Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama.” Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no.
فرمود: «آن کسی است که یک لقمه می‌گیرم و به او می‌دهم.» آنگاه لقمه‌ای گرفت و آن را به یهودا پسر شمعون اسخریوطی داد.
27 Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”
به محض اینکه لقمه از گلوی یهودا پایین رفت، شیطان داخل او شد. پس عیسی به او فرمود: «کاری را که می‌خواهی انجام دهی، زودتر عملی کن!»
28 Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase.
هیچ‌کس به هنگام شام منظور عیسی را نفهمید.
29 Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu sɛ, Yesu reka akyerɛ no sɛ, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi.
فقط بعضی گمان کردند که چون پول دست یهودا بود، عیسی به او دستور داد که برود و خوراک بخرد و یا چیزی به فقرا بدهد.
30 Yuda gyee burodo no pɛ na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo.
یهودا لقمه را خورد و بی‌درنگ در تاریکی شب بیرون رفت.
31 Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi.
به محض اینکه یهودا از اتاق خارج شد، عیسی فرمود: «وقت آن رسیده است که پسر انسان وارد جلالش شود و خدا نیز توسط او جلال یابد.
32 Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.
خدا نیز به‌زودی بزرگی و جلال خود را به من خواهد داد.
33 “Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo hɔ. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.
ای فرزندان من که برایم بسیار عزیز هستید، چقدر این لحظات کوتاهند. به‌زودی باید شما را بگذارم و بروم. آنگاه همان‌طور که به سران قوم یهود گفتم، همه جا به دنبال من خواهید گشت، اما مرا نخواهید یافت و نخواهید توانست به جایی که می‌روم، بیایید.
34 “Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
«پس حال، دستوری تازه به شما می‌دهم: یکدیگر را دوست بدارید همان‌گونه که من شما را دوست می‌دارم.
35 Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’”
محبت شما به یکدیگر، به جهان ثابت خواهد کرد که شما شاگردان من می‌باشید.»
36 Simon Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”
شمعون پطرس پرسید: «سرور من، کجا می‌خواهید بروید؟» عیسی جواب داد: «حال، نمی‌توانی با من بیایی، ولی بعد به دنبالم خواهی آمد.»
37 Petro bisaa no sɛ, “Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo.”
پطرس پرسید: «سرورم، چرا نمی‌توانم حالا بیایم؟ من حتی حاضرم جانم را فدای تو کنم.»
38 Yesu bisaa no sɛ, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”
عیسی جواب داد: «تو جانت را فدای من می‌کنی؟ همین امشب پیش از بانگ خروس، سه بار مرا انکار کرده، خواهی گفت که مرا نمی‌شناسی.»

< Yohane 13 >