< Yohane 12 >
1 Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu.
Cu șase zile înainte de Paști, Isus a venit la Betania, unde era Lazăr, care era mort și pe care l-a înviat din morți.
2 Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee wɔ saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɛpono no ho.
Și I-au pregătit acolo o cină. Marta a servit, dar Lazăr era unul dintre cei care stăteau la masă cu el.
3 Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa.
Maria a luat un kilogram de mir de nard curat, foarte prețios, a uns picioarele lui Isus și I-a șters picioarele cu părul ei. Casa s-a umplut de mireasma unguentului.
4 Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho,
Atunci Iuda Iscarioteanul, fiul lui Simon, unul din ucenicii Lui, care avea să-L trădeze, a zis:
5 enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?”
“De ce nu s-a vândut mirul acesta cu trei sute de denari și nu s-a dat săracilor?”
6 Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.
Și a spus aceasta nu pentru că-i păsa de săraci, ci pentru că era hoț și, având cutia cu bani, obișnuia să fure ce se punea în ea.
7 Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo.
Dar Isus a zis: “Las-o în pace. Ea a păstrat aceasta pentru ziua înmormântării mele.
8 Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ hɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena hɔ daa.”
Căci voi aveți întotdeauna săraci cu voi, dar pe Mine nu Mă aveți întotdeauna.”
9 Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso.
O mare mulțime de iudei au aflat că El era acolo și au venit, nu numai de dragul lui Isus, ci ca să vadă și pe Lazăr, pe care El îl înviase din morți.
10 Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,
Dar preoții cei mai de seamă au uneltit ca să îl omoare și pe Lazăr,
11 ɛfiri sɛ, ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi.
pentru că, din cauza lui, mulți dintre iudei au plecat și au crezut în Isus.
12 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,
A doua zi, o mare mulțime a venit la ospăț. Când au auzit că Isus vine la Ierusalim,
13 wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”
au luat ramuri de palmier, au ieșit în întâmpinarea lui și au strigat: “Osana! Binecuvântat este cel care vine în numele Domnului, Regele lui Israel!”.
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ,
Isus a găsit un măgăruș tânăr și a șezut pe el. După cum este scris:
15 “Nsuro, Ɔbabaa Sion! Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so reba wo nkyɛn.”
“Nu te teme, fiică a Sionului! Iată, Regele tău vine, șezând pe un mânz de măgăriță.”
16 Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.
La început, discipolii lui nu au înțeles aceste lucruri, dar când Isus a fost glorificat, atunci și-au adus aminte că aceste lucruri au fost scrise despre el și că ei i-au făcut aceste lucruri.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ.
Așadar, mulțimea care era cu el când l-a chemat pe Lazăr din mormânt și l-a înviat din morți mărturisea despre aceasta.
18 Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ.
Din această cauză și mulțimea a mers în întâmpinarea lui, pentru că auzise că el făcuse acest semn.
19 Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
De aceea fariseii ziceau între ei: “Vedeți cum nu realizați nimic. Iată că lumea a mers după el”.
20 Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom.
Printre cei ce se suiseră să se închine la sărbătoare erau niște greci.
21 Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.”
Aceștia au venit la Filip, care era din Betsaida Galileii, și l-au întrebat, zicând: “Domnule, vrem să-L vedem pe Isus.”
22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
Filip a venit și i-a spus lui Andrei și, la rândul său, Andrei a venit cu Filip și i-au spus lui Isus.
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.
Isus le-a răspuns: “A venit vremea ca Fiul Omului să fie proslăvit.
24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii.
Adevărat vă spun că, dacă un bob de grâu nu cade în pământ și nu moare, el rămâne singur. Dar, dacă moare, face mult rod.
25 Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
Cine își iubește viața o va pierde. Cel care își urăște viața în lumea aceasta o va păstra pentru viața veșnică. (aiōnios )
26 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.”
Dacă cineva îmi slujește, să mă urmeze. Unde sunt eu, acolo va fi și slujitorul meu. Dacă cineva îmi slujește, Tatăl îl va cinsti.
27 Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane.
“Acum sufletul meu este tulburat. Ce să spun? 'Tată, salvează-mă din acest timp?'. Dar am venit în acest timp pentru această cauză.
28 Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.”
Tată, slăvește numele Tău!” Atunci un glas a ieșit din cer și a zis: “Am proslăvit-o și o voi proslăvi din nou”.
29 Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.
De aceea mulțimea care stătea de față și auzea, zicea că a tunat. Alții spuneau: “Un înger i-a vorbit”.
30 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti.
Isus a răspuns: “Glasul acesta n-a venit pentru Mine, ci pentru voi.
31 Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu.
Acum este judecata lumii acesteia. Acum prințul acestei lumi va fi alungat.
32 Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”
Iar Eu, dacă voi fi ridicat de pe pământ, voi atrage la Mine toate popoarele.”
33 Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no.
Dar El a spus aceasta, însemnând prin ce fel de moarte va muri.
34 Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?” (aiōn )
Și mulțimea i-a răspuns: “Am auzit din Lege că Hristosul rămâne pentru totdeauna. Cum spuneți voi: 'Fiul Omului trebuie să fie înălțat'? Cine este acest Fiu al Omului?” (aiōn )
35 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan.
Isus le-a zis: “Încă puțină vreme lumina este cu voi. Umblați cât timp aveți lumina, ca să nu vă cuprindă întunericul. Cel care umblă în întuneric nu știe încotro se îndreaptă.
36 Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ de ne ho kɔhintaeɛ.
Cât timp aveți lumina, credeți în lumină, ca să deveniți copii ai luminii.” Isus a spus aceste lucruri, apoi a plecat și s-a ascuns de ei.
37 Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara.
Dar, deși făcuse atâtea semne înaintea lor, ei nu credeau în el,
38 Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi? Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?”
pentru ca să se împlinească cuvântul proorocului Isaia, pe care îl rostise: “Doamne, cine a crezut raportul nostru? Cui s-a arătat brațul Domnului?”
39 Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ,
De aceea nu puteau să creadă, pentru că Isaia a spus din nou:
40 “Onyankopɔn afira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.”
“El le-a orbit ochii și le-a împietrit inima, ca nu cumva să vadă cu ochii lor, și să perceapă cu inima lor, și s-ar întoarce, și eu îi voi vindeca.”
41 Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
Isaia a spus aceste lucruri când a văzut slava Lui și a vorbit despre El.
42 Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.
Cu toate acestea, chiar și mulți dintre dregători au crezut în El, dar, din pricina fariseilor, n-au mărturisit-o, ca să nu fie scoși din sinagogă,
43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam.
pentru că ei iubeau mai mult lauda oamenilor decât lauda lui Dumnezeu.
44 Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di.
Isus a strigat și a zis: “Cine crede în Mine, nu crede în Mine, ci în Cel ce M-a trimis pe Mine.
45 Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso.
Cine Mă vede pe Mine vede pe Cel ce M-a trimis pe Mine.
46 Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.
Eu am venit ca o lumină în lume, pentru ca oricine crede în Mine să nu rămână în întuneric.
47 “Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa.
Dacă cineva ascultă cele spuse de mine și nu crede, eu nu-l judec. Căci nu am venit să judec lumea, ci să salvez lumea.
48 Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn.
Cine mă respinge pe mine și nu primește spusele mele, are pe cineva care îl judecă. Cuvântul pe care l-am rostit îl va judeca în ziua de apoi.
49 Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no.
Căci nu am vorbit de la mine însumi, ci Tatăl care m-a trimis mi-a dat o poruncă, ce să spun și ce să vorbesc.
50 Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!” (aiōnios )
Știu că porunca Lui este viața veșnică. Așadar, lucrurile pe care le spun, așa cum mi-a spus Tatăl, așa vorbesc și eu.” (aiōnios )