< Yohane 11 >
1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ.
But there was a certain man sick, Lazarus of Bethany, the town of Mary and her sister Martha.
2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no.
It was the Mary who anointed the Lord with ointment, and wiped his feet with her hair, whose brother Lazarus was sick.
3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.”
The sisters therefore sent to him, saying, Lord, behold, he whom thou lovest is sick.
4 Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
And Jesus hearing this said, This sickness is not unto death, but for the glory of God, that the Son of God may be glorified through it.
5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie.
Now Jesus loved Martha, and her sister, and Lazarus.
6 Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu.
When therefore he heard that he was sick, he remained in the place where he was two days.
7 Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.”
Then after this he saith to the disciples, Let us go into Judaea again.
8 Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?”
The disciples say to him, Rabbi, the Jews but just now were seeking to stone thee, and goest thou thither again?
9 Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu.
Jesus answered, Are there not twelve hours in the day? If a man walk in the day, he stumbleth not, because he seeth the light of this world;
10 Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.”
but if a man walk in the night, he stumbleth; because the light is not in him.
11 Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.”
This he spoke, and afterwards said to them, Our friend Lazarus hath fallen asleep; but I go that I may awake him out of sleep.
12 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.”
The disciples therefore said to him, Lord, if he hath fallen asleep, he will recover.
13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
But Jesus had spoken of his death; but they thought that he spoke of the taking of rest in sleep.
14 Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu;
Then therefore Jesus said to them plainly: Lazarus is dead.
15 nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
And I am glad for your sakes that I was not there; that ye may believe; but let us go to him.
16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”
Then said Thomas, who was called Didymus, to his fellow-disciples, Let us also go, that we may die with him.
17 Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan.
Having come, therefore, Jesus found that he had been four days in the tomb.
18 Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu,
Now Bethany was near Jerusalem, about fifteen furlongs off;
19 na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho.
and many of the Jews had come to Martha and Mary, to comfort them concerning their brother.
20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.
Martha therefore, as soon as she heard that Jesus was coming, went to meet him; but Mary continued sitting in the house.
21 Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu!
Then said Martha to Jesus, Lord, if thou hadst been here, my brother had not died;
22 Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.”
and even now I know that whatever thou shalt ask of God, God will give it thee.
23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.”
Jesus saith to her, Thy brother will rise again.
24 Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.”
Martha saith to him, I know that he will rise again in the resurrection at the last day.
25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
Jesus said to her, I am the resurrection and the life: he that believeth in me, though he have died, will live;
26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” (aiōn )
and whoever liveth and believeth in me will never die. Believest thou this? (aiōn )
27 Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”
She saith to him, Yea, Lord; I believe that thou art the Christ, the Son of God, he who was to come into the world.
28 Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
And having said this, she went away, and called Mary her sister secretly, saying, The Teacher is here and calleth for thee.
29 Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu.
She, when she heard this, riseth quickly and cometh to him.
30 Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
Now Jesus had not yet come into the town, but was still in the place where Martha met him.
31 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
The Jews then who were with her in the house and comforting her, when they saw that Mary rose up hastily and went out, followed her, thinking that she was going to the tomb to weep there.
32 Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”
Then Mary, when she came where Jesus was, as soon as she saw him fell down at his feet, saying to him, Lord, if thou hadst been here, my brother had not died.
33 Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ.
Jesus therefore when he saw her weeping, and the Jews also weeping who came with her, was greatly moved in his spirit, and much troubled,
34 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?” Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
and said, Where have ye laid him? They say to him, Lord, come and see.
36 Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
The Jews therefore said, See, how he loved him!
37 Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?”
But some of them said, Could not he, who opened the eyes of the blind man, have also caused that this man should not have died?
38 Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so.
Jesus therefore, again greatly moved within himself, cometh to the tomb. It was a cave, and a stone lay against it.
39 Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.”
Jesus saith, Take away the stone. Martha, the sister of him that was dead, saith to him, Lord, by this time the body is offensive; for he hath been dead four days.
40 Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”
Jesus saith to her, Did I not tell thee, that if thou wouldst believe, thou shouldst see the glory of God?
41 Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me.
They therefore took away the stone. And Jesus lifted up his eyes to heaven, and said, Father! I thank thee that thou hast heard me.
42 Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”
Yet I knew that thou hearest me always; but for the sake of the multitude standing around I said it, that they might believe that thou didst send me.
43 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!”
And having thus spoken, he cried with a loud voice, Lazarus, come forth!
44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”
He that was dead came forth, bound hand and foot with grave-clothes; and his face was bound about with a napkin. Jesus saith to them, Loose him, and let him go.
45 Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ.
Many of the Jews therefore who had come to Mary, and had seen what he did, believed in him.
46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
But some of them went away to the Pharisees, and told them what Jesus had done.
47 Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ!
Therefore the chief priests and the Pharisees gathered a council, and said, What are we to do, seeing that this man worketh many signs?
48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
If we thus let him alone, all will believe in him; and the Romans will come, and take away both our place and nation.
49 Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee!
And a certain one of them, Caiaphas, being high-priest that year, said to them, Ye know nothing at all;
50 Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
nor do ye consider that it is expedient for us that one man die for the people, and not the whole nation perish.
51 Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,”
And this he spoke not from himself; but being high-priest that year he prophesied that Jesus was about to die for the nation;
52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.
and not for the nation only, but that he might also gather together in one body the children of God that are scattered abroad.
53 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu.
Therefore from that day forth they consulted together to put him to death.
54 Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ.
Jesus therefore no longer walked openly among the Jews, but departed thence to the country near the wilderness, to a city called Ephraim, and there abode with the disciples.
55 Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
And the passover of the Jews was at hand; and many went out of the country up to Jerusalem before the passover, to purify themselves.
56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.”
They sought therefore for Jesus, and said one to another, as they stood in the temple, What think ye? that he will not come to the feast?
57 Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.
Now the chief priests and the Pharisees had given orders, that, if any one knew where he was, he should give information, that they might seize him.