< Yohane 10 >
1 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ.
Verely verely I saye vnto you: he that entreth not in by ye dore into the shepefolde but clymeth vp some other waye: the same is a thefe and a robber.
2 Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no.
He that goeth in by ye dore is the shepeherde of ye shepe:
3 Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi.
to him the porter openeth and the shepe heare his voyce and he calleth his awne shepe by name and leadeth them out.
4 Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne.
And when he hath sent forthe his awne shepe he goeth before them and the shepe folowe him: for they knowe his voyce.
5 Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.”
A straunger they will not folowe but will flye from him: for they knowe not the voyce of straungers.
6 Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
This similitude spake Iesus vnto them. But they vnderstode not what thinges they were which he spake vnto them.
7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no.
Then sayde Iesus vnto them agayne. Verely verely I saye vnto you: I am the dore of the shepe.
8 Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi.
All even as many as came before me are theves and robbers: but the shepe dyd not heare them.
9 Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea.
I am the dore: by me yf eny man enter in he shalbe safe and shall goo in and out and fynde pasture.
10 Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.
The thefe cometh not but forto steale kyll and destroye. I am come that they myght have lyfe and have it more aboundantly.
11 “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.
I am ye good shepeheerd. The good shepeheerd geveth his lyfe for ye shepe.
12 Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete.
An heyred servaut which is not ye shepeherd nether ye shepe are his awne seith the wolfe comynge and leveth the shepe and flyeth and the wolfe catcheth them and scattereth ye shepe.
13 Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho.
The heyred servaut flyeth because he is an heyred servaunt and careth not for the shepe.
14 “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me,
I am that good shepeheerd and knowe myne and am knowe of myne.
15 sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no.
As my father knoweth me: even so knowe I my father. And I geve my lyfe for the shepe:
16 Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.
and other shepe I have which are not of this folde. Them also must I bringe that they maye heare my voyce and that ther maye be one flocke and one shepeherde.
17 Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.
Therfore doth my father love me because I put my lyfe from me that I myght take it agayne.
18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
No man taketh it from me: but I put it awaye of my selfe. I have power to put it from me and have power to take it agayne: This comaundment have I receaved of my father.
19 Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu.
And ther was a dissencion agayne amoge the Iewes for these sayinges
20 Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?”
and many of them sayd. He hath the devyll and is mad: why heare ye him?
21 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?”
Other sayde these are not the wordes of him that hath the devyll. Can the devyll open the eyes of the blynde?
22 Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no,
And it was at Ierusalem ye feaste of the dedicacion and it was wynter:
23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
and Iesus walked in Salomons porche.
24 Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
Then came the Iewes rounde aboute him and sayde vnto him: How longe dost thou make vs doute? Yf thou be Christ tell vs playnly.
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ,
Iesus answered them: I tolde you and ye beleve not. The workes yt I do in my fathers name they beare witnes of me.
26 nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan.
But ye beleve not because ye are not of my shepe. As I sayde vnto you:
27 Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi.
my shepe heare my voyce and I knowe them and they folowe me
28 Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. (aiōn , aiōnios )
and I geve vnto the eternall lyfe and they shall never perisshe nether shall eny man plucke the oute of my honde. (aiōn , aiōnios )
29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.
My father which gave the me is greatter then all and no man is able to take them out of my fathers honde.
30 Me ne Agya no yɛ baako.”
And I and my father are one.
31 Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no.
Then the Iewes agayne toke up stones to stone him with all.
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?”
Iesus answered them: many good workes have I shewed you from my father: for which of them will ye stone me?
33 Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
The Iewes answered him sayinge. For thy good workes sake we stone ye not: but for thy blasphemy and because that thou beinge a man makest thy selfe God.
34 Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’
Iesus answered them: Is it not written in youre lawe: I saye ye are goddes?
35 Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a,
If he called the goddes vnto whom the worde of God was spoken (and the scripture can not be broken)
36 ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm?
saye ye then to him whom the father hath sainctified and sent into the worlde thou blasphemest because I sayd I am the sonne of God?
37 Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni.
If I do not the workes of my father beleve me not.
38 Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”
But if I do though ye beleve not me yet beleve the workes that ye maye knowe and beleve that the father is in me and I in him.
39 Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
Agayne they went aboute to take him: but he escaped out of their hondes
40 Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.
and went awaye agayne beyonde Iordan into the place where Iohn before had baptised and there aboode.
41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.”
And many resorted vnto him and sayd. Iohn dyd no miracle: but all thinges that Iohn spake of this man are true.
42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ.
And many beleved on him theare.