< Yohane 1 >

1 Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
In the beginning was the Word, and the Word was with God, and the Word was God.
2 Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.
The same was in the beginning with God.
3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.
All things were made by him; and without him was not any thing made that was made.
4 Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
In him was life; and the life was the light of men.
5 Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.
And the light shineth in darkness; and the darkness comprehended it not.
6 Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane.
There was a man sent from God, whose name [was] John.
7 Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
The same came for a witness, to bear testimony of the Light, that all [men] through him might believe.
8 Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.
He was not that Light, but [was sent] to bear testimony of that Light.
9 Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
[That] was the true Light, which lighteth every man that cometh into the world.
10 Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no.
He was in the world, and the world was made by him, and the world knew him not.
11 Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu.
He came to his own, and his own received him not.
12 Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
But as many as received him, to them he gave power to become the sons of God, [even] to them that believe on his name:
13 wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.
Who were born, not of blood, nor of the will of the flesh, nor of the will of man, but of God.
14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.
And the Word was made flesh, and dwelt among us, (and we beheld his glory, the glory as of the only begotten of the Father, ) full of grace and truth.
15 Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’”
John testified concerning him, and cried, saying, This was he of whom I spoke, He that cometh after me, is preferred before me; for he was before me.
16 Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.
And of his fullness have we all received, and grace for grace.
17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ.
For the law was given by Moses, [but] grace and truth came by Jesus Christ.
18 Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
No man hath seen God at any time; the only begotten Son, who is in the bosom of the Father, he hath declared [him].
19 Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?”
And this is the testimony of John, when the Jews sent priests and Levites from Jerusalem, to ask him, Who art thou?
20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”
And he confessed, and denied not; but confessed, I am not the Christ.
21 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”.
And they asked him, What then? Art thou Elijah? and he saith, I am not. Art thou that prophet? And he answered, No.
22 Wɔsane bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
Then said they to him, Who art thou? that we may give an answer to them that sent us. What sayest thou of thyself?
23 Yohane buaa wɔn sɛ, “Mene nne a ɛfiri ɛserɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’”
He said, I [am] the voice of one crying in the wilderness, Make straight the way of the Lord, as said the prophet Isaiah.
24 Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ,
And they who were sent were of the Pharisees.
25 “Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn enti na wobɔ asu?”
And they asked him, and said to him, Why baptizest thou then, if thou art not that Christ, nor Elijah, neither that prophet?
26 Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a monnim no,
John answered them, saying, I baptize with water: but there standeth one among you, whom ye know not;
27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.”
He it is, who coming after me, is preferred before me, whose shoes' latchet I am not worthy to unloose.
28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
These things were done in Bethabara beyond Jordan, where John was baptizing.
29 Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no!
The next day John seeth Jesus coming to him, and saith, Behold the Lamb of God, who taketh away the sin of the world.
30 Yei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’
This is he of whom I said, after me cometh a man who is preferred before me; for he was before me.
31 Me deɛ, na mennim no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
And I knew him not: but that he should be made manifest to Israel, therefore am I come baptizing with water.
32 Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehunuu Honhom no sɛ asiane aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresiane firi soro.
And John bore testimony, saying, I saw the Spirit descending from heaven like a dove, and it abode upon him.
33 Na anka mennim no, nanso ɛberɛ a Onyankopɔn somaa me sɛ memfa nsuo mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Onipa a wobɛhunu sɛ Honhom no bɛsiane aba ne so no, ɔno ne deɛ worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’
And I knew him not: but he that sent me to baptize with water, the same said to me, Upon whom thou shalt see the Spirit descending and remaining on him, the same is he who baptizeth with the Holy Spirit.
34 Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.”
And I saw and bore testimony, that this is the Son of God.
35 Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam.
Again the next day after, John stood, and two of his disciples;
36 Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!”
And looking upon Jesus as he walked, he saith, Behold the Lamb of God!
37 Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi.
And the two disciples heard him speak, and they followed Jesus.
38 Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?”
Then Jesus turned, and saw them following, and saith to them, What seek ye? They said to him, Rabbi (which is to say, being interpreted, Master) where dwellest thou?
39 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnnan kɔsii anwummerɛ.
He saith to them, Come and see. They came and saw where he dwelt, and abode with him that day: for it was about the tenth hour.
40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no enti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.
One of the two who heard John [speak], and followed him, was Andrew, Simon Peter's brother.
41 Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.”
He first findeth his own brother Simon, and saith to him, We have found the Messiah; which is, being interpreted, the Christ.
42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.
And he brought him to Jesus. And when Jesus beheld him, he said, Thou art Simon the son of Jona: thou shalt be called Cephas; which is, by interpretation, a stone.
43 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.”
The day following Jesus would go forth into Galilee, and findeth Philip, and saith to him, follow me.
44 Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi.
Now Philip was of Bethsaida, the city of Andrew and Peter.
45 Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.”
Philip findeth Nathanael, and saith to him, We have found him described by Moses in the law, and by the prophets, Jesus of Nazareth, the son of Joseph.
46 Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”
And Nathanael said to him, Can there any good thing come out of Nazareth? Philip saith to him, Come and see.
47 Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.”
Jesus saw Nathanael coming to him, and saith of him, Behold an Israelite indeed, in whom is no guile!
48 Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?” Yesu nso buaa no sɛ, “Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
Nathanael saith to him, Whence knowest thou me? Jesus answered and said to him, Before Philip called thee, when thou wast under the fig-tree, I saw thee.
49 Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”
Nathanael answered and said to him, Rabbi, thou art the Son of God; thou art the King of Israel.
50 Yesu bisaa no sɛ, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom.
Jesus answered and said to him, Because I said to thee, I saw thee under the fig-tree, dost thou believe? thou shalt see greater things than these.
51 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.”
And he saith to him, Verily, verily, I say to you, Hereafter ye shall see heaven open, and the angels of God ascending and descending upon the Son of man.

< Yohane 1 >