< Yoɛl 3 >

1 “Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.
“Yes, in those days and at that time, when I restore Judah and Jerusalem from captivity,
2 Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu. Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
I will gather all the nations and bring them down to the Valley of Jehoshaphat. There I will enter into judgment against them concerning My people, My inheritance, Israel, whom they have scattered among the nations as they divided up My land.
3 Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto, Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman. Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã, a wɔbɛnom.
They cast lots for My people; they bartered a boy for a prostitute and sold a girl for wine to drink.
4 “Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
Now what do you have against Me, O Tyre, Sidon, and all the regions of Philistia? Are you rendering against Me a recompense? If you retaliate against Me, I will swiftly and speedily return your recompense upon your heads.
5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.
For you took My silver and gold and carried off My finest treasures to your temples.
6 Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
You sold the people of Judah and Jerusalem to the Greeks, to send them far from their homeland.
7 “Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.
Behold, I will rouse them from the places to which you sold them; I will return your recompense upon your heads.
8 Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
I will sell your sons and daughters into the hands of the people of Judah, and they will sell them to the Sabeans—to a distant nation.” Indeed, the LORD has spoken.
9 Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.
Proclaim this among the nations: “Prepare for war; rouse the mighty men; let all the men of war advance and attack!
10 Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!”
Beat your plowshares into swords and your pruning hooks into spears. Let the weak say, ‘I am strong!’
11 Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!
Come quickly, all you surrounding nations, and gather yourselves. Bring down Your mighty ones, O LORD.
12 “Wɔnkanyane aman no; wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
Let the nations be roused and advance to the Valley of Jehoshaphat, for there I will sit down to judge all the nations on every side.
13 Monhwim kantankrankyi no, ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so. Mommra, montiatia bobe no so, ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma na ankorɛ no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”
Swing the sickle, for the harvest is ripe. Come, trample the grapes, for the winepress is full; the wine vats overflow because their wickedness is great.
14 Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.
Multitudes, multitudes in the valley of decision! For the Day of the LORD is near in the valley of decision.
15 Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
The sun and moon will grow dark, and the stars will no longer shine.
16 Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.
The LORD will roar from Zion and raise His voice from Jerusalem; heaven and earth will tremble. But the LORD will be a refuge for His people, a stronghold for the people of Israel.
17 “Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.
Then you will know that I am the LORD your God, who dwells in Zion, My holy mountain. Jerusalem will be holy, never again to be overrun by foreigners.
18 “Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu, na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so; Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asutire bɛtue afiri Awurade efie, na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.
And in that day the mountains will drip with sweet wine, and the hills will flow with milk. All the streams of Judah will run with water, and a spring will flow from the house of the LORD to water the Valley of Acacias.
19 Nanso Misraim bɛdane amanfo, na Edom nso bɛyɛ anweatam, ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti. Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.
Egypt will become desolate, and Edom a desert wasteland, because of the violence done to the people of Judah, in whose land they shed innocent blood.
20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
But Judah will be inhabited forever, and Jerusalem from generation to generation.
21 Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no, mede bɛkyɛ.
For I will avenge their blood, which I have not yet avenged.”

< Yoɛl 3 >