< Yoɛl 2 >

1 Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ Awurade ɛda no reba, na abɛn koraa.
Blow the trumpet in Zion, and sound an alarm in my holy mountain! Let all the inhabitants of the land tremble, for the day of the LORD comes, for it is close at hand:
2 Esum ne kusukuukuu ɛda. Omununkum ne esum kabii ɛda. Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no, saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ. Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhunu ne sɛso nso da.
A day of darkness and gloominess, a day of clouds and thick darkness. As the dawn spreading on the mountains, a great and strong people; there has never been the like, neither will there be any more after them, even to the years of many generations.
3 Egya rehye wɔ wɔn anim, ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam, biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so.
A fire devours before them, and behind them, a flame burns. The land is as the garden of Eden before them, and behind them, a desolate wilderness. Yes, and no one has escaped them.
4 Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.
Their appearance is as the appearance of horses, and they run as horsemen.
5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wɔtu fa mmepɔ atifi, wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ, wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
Like the noise of chariots on the tops of the mountains, they leap, like the noise of a flame of fire that devours the stubble, like a strong people set in battle array.
6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim to hoa.
At their presence the peoples are in anguish. All faces have grown pale.
7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ; wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmmane benkum anaa nifa.
They run like mighty men. They climb the wall like warriors. They each march in his line, and they don’t swerve off course.
8 Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
One doesn’t jostle another. They each march in their own path. They burst through the defences and don’t break ranks.
9 Wɔto hyɛ kuropɔn no so wɔtu mmirika fa afasuo no so wɔforo kɔ afie mu, wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ.
They rush on the city. They run on the wall. They climb up into the houses. They enter in at the windows like thieves.
10 Asase woso wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsrane duru sum, na nsoromma nnhyerɛn bio.
The earth quakes before them. The heavens tremble. The sun and the moon are darkened, and the stars withdraw their shining.
11 Awurade bobom de di nʼasraadɔm no anim. Nʼakodɔm no dɔɔso bebree, ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so. Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu; hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
The LORD thunders his voice before his army, for his forces are very great; for he is strong who obeys his command; for the day of the LORD is great and very awesome, and who can endure it?
12 “Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”
“Yet even now,” says the LORD, “turn to me with all your heart, and with fasting, and with weeping, and with mourning.”
13 Sunsuane wʼakoma na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu. Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ. Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so, na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
Tear your heart and not your garments, and turn to the LORD, your God; for he is gracious and merciful, slow to anger, and abundant in loving kindness, and relents from sending calamity.
14 Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ na wagya nhyira, a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.
Who knows? He may turn and relent, and leave a blessing behind him, even a meal offering and a drink offering to the LORD, your God.
15 Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro, momfrɛ nhyiamu kronkron.
Blow the trumpet in Zion! Sanctify a fast. Call a solemn assembly.
16 Mommoaboa nnipa no ano monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanimfoɔ, mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.
Gather the people. Sanctify the assembly. Assemble the elders. Gather the children, and those who nurse from breasts. Let the bridegroom go out of his room, and the bride out of her chamber.
17 Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’”
Let the priests, the ministers of the LORD, weep between the porch and the altar, and let them say, “Spare your people, LORD, and don’t give your heritage to reproach, that the nations should rule over them. Why should they say amongst the peoples, ‘Where is their God?’”
18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.
Then the LORD was jealous for his land, and had pity on his people.
19 Awurade bɛbua sɛ, “Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo, a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn. Merenyɛ mo ahohoradeɛ mma aman no bio.
The LORD answered his people, “Behold, I will send you grain, new wine, and oil, and you will be satisfied with them; and I will no more make you a reproach amongst the nations.
20 “Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.
But I will remove the northern army far away from you, and will drive it into a barren and desolate land, its front into the eastern sea, and its back into the western sea; and its stench will come up, and its bad smell will rise.” Surely he has done great things.
21 Monnsuro, me nkurɔfoɔ! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho. Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.
Land, don’t be afraid. Be glad and rejoice, for the LORD has done great things.
22 Monnsuro, mo wiram mmoa! Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm. Nnua no reso wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.
Don’t be afraid, you animals of the field; for the pastures of the wilderness spring up, for the tree bears its fruit. The fig tree and the vine yield their strength.
23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu, ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo, ne nokorɛdie enti. Watɔ nsuo bebree ama mo wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.
“Be glad then, you children of Zion, and rejoice in the LORD, your God; for he gives you the early rain in just measure, and he causes the rain to come down for you, the early rain and the latter rain, as before.
24 Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu.
The threshing floors will be full of wheat, and the vats will overflow with new wine and oil.
25 “Mɛhyɛ mo anan mu, deɛ mohwereeɛ mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma, ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
I will restore to you the years that the swarming locust has eaten, the great locust, the grasshopper, and the caterpillar, my great army, which I sent amongst you.
26 Wobɛdidi amee, na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo; me nkurɔfoɔ ani renwu bio.
You will have plenty to eat and be satisfied, and will praise the name of the LORD, your God, who has dealt wondrously with you; and my people will never again be disappointed.
27 Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel, wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.”
You will know that I am amongst Israel, and that I am the LORD, your God, and there is no one else; and my people will never again be disappointed.
28 “Na akyire yi, mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ, mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.
“It will happen afterward, that I will pour out my Spirit on all flesh; and your sons and your daughters will prophesy. Your old men will dream dreams. Your young men will see visions.
29 Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.
And also on the servants and on the handmaids in those days, I will pour out my Spirit.
30 Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn.
I will show wonders in the heavens and in the earth: blood, fire, and pillars of smoke.
31 Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
The sun will be turned into darkness, and the moon into blood, before the great and terrible day of the LORD comes.
32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa. Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,” sɛdeɛ Awurade aka no.
It will happen that whoever will call on the LORD’s name shall be saved; for in Mount Zion and in Jerusalem there will be those who escape, as the LORD has said, and amongst the remnant, those whom the LORD calls.

< Yoɛl 2 >