< Hiob 9 >

1 Na Hiob kasaa bio sɛ:
Then Job answered and said:
2 “Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene wɔ Onyankopɔn anim?
Of a truth, I know that it is so: For how can man be just before God?
3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a, ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
If he choose to contend with him, He cannot answer him to one charge of a thousand.
4 Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti?
He is excellent in wisdom, mighty in strength: Who hath hardened himself against him, and prospered?
5 Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hwee ɔbubu wɔn fa so wɔ nʼabufuo mu.
He removeth the mountains, and they know it not; He overturneth them in his anger.
6 Ɔwoso asase firi ne siberɛ, na ɔma ne nnyinasoɔ woso biribiri.
He shaketh the earth out of her place, And the pillars thereof tremble.
7 Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, na ɔsɔ nsoromma hyerɛn ano.
He commandeth the sun, and it riseth not, And he sealeth up the stars.
8 Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔnante ɛpo asorɔkye so.
He alone spreadeth out the heavens, And walketh upon the high waves of the sea.
9 Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ; Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no.
He made the Bear, Orion, and the Pleiades, And the secret chambers of the South.
10 Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan.
He doeth great things past finding out, Yea, wonderful things without number.
11 Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no; sɛ ɔsene a, menhunu no.
Lo! he goeth by me, but I see him not; He passeth along, but I do not perceive him.
12 Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan? Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
Lo! he seizeth, and who can hinder him? Who will say to him, What doest thou?
13 Onyankopɔn nkora nʼabufuo so; Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim.
God will not turn away his anger; The proud helpers are brought low before him.
14 “Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ?
How much less shall I answer him, And choose out words to contend with him?
15 Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn.
Though I were innocent, I would not answer him; I would cast myself on the mercy of my judge.
16 Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, mennye nni sɛ ɔbɛtie mʼasɛm.
Should I call, and he make answer to me, I could not believe that he listened to my voice, —
17 Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ me ama mʼapirakuro adɔɔso kwa.
He who falleth upon me with a tempest, And multiplieth my wounds without cause!
18 Ɔremma menya mʼahome, bio. Ɔde awerɛhoɔ bɛhyɛ me ma tɔ.
Who will not suffer me to take my breath, But filleth me with bitterness!
19 Sɛ ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ! Na sɛ ɛba atɛntenenee nso a, hwan na ɔbɛsamane no?
If I look to strength, “Lo! here am I!” [[saith he, ]] If to justice, “Who shall summon me to trial?”
20 Sɛ medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ; sɛ me ho nni asɛm a, ɛbɛbu me fɔ.
Though I were upright, yet must my own mouth condemn me; Though I were innocent, He would prove me perverse.
21 “Ɛwom sɛ medi bem deɛ, nanso memmu me ho; abrabɔ afono me.
Though I were innocent, I would not care for myself; I would despise my life.
22 Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno enti na meka sɛ, ‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm ne omumuyɛfoɔ.’
It is all one; therefore I will affirm, He destroyeth the righteous and the wicked alike.
23 Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no, ɔsere deɛ ne ho nni asɛm no akomatuo.
When the scourge bringeth sudden destruction, He laugheth at the sufferings of the innocent.
24 Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no, ɔfira ɛso atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan?
The earth is given into the hands of the wicked; He covereth the face of the judges thereof; If it be not He, who is it?
25 “Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ; ɛsene kɔ a anigyeɛ kakra mpo nni mu.
My days have been swifter than a courier; They have fled away; they have seen no good.
26 Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ te sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa.
They have gone by like the reed-skiffs; Like the eagle, darting upon his prey.
27 Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii, mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,’
If I say, I will forget my lamentation, I will change my countenance, and take courage,
28 me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara. Na menim sɛ, woremmu me bem.
Still am I in dread of the multitude of my sorrows; For I know that thou wilt not hold me innocent.
29 Woabu me fɔ dada enti, adɛn na ɛsɛ sɛ meha me ho kwa?
I shall be found guilty; Why then should I labor in vain?
30 Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina dware na mede samina hohoro me nsa ho a,
If I wash myself in snow, And cleanse my hands with lye,
31 wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu, ama mʼatadeɛ mpo akyiri me.
Still wilt thou plunge me into the pit, So that my own clothes will abhor me.
32 “Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, na yɛakɔgyina asɛnniiɛ abobɔ yɛn nkuro.
For He is not a man, as I am, that I may contend with him, And that we may go together into judgment;
33 Sɛ anka obi wɔ hɔ a ɔbɛsiesie yɛn ntam na waka yɛn baanu abɔ mu a,
There is no umpire between us, Who may lay his hand upon us both.
34 obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so, sɛdeɛ nʼahunahuna mmɔ me hu bio a,
Let him take from me his rod, And not dismay me with his terrors,
35 anka mɛkasa a merensuro no, nanso saa tebea a mewɔ mu yi deɛ, mentumi.
Then I will speak, and not be afraid of him: For I am not so at heart.

< Hiob 9 >