< Hiob 8 >
1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:
Na Suhini Bildad buae se:
2 “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn? Wo nsɛm yɛ mframa huhuo.
“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn? Wo nsɛm yɛ mframa huhuw.
3 Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa? Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?
Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana? Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?
4 Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no, ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no, ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
5 Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so na woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ,
Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so na woabɔ Otumfo no mpae,
6 sɛ woyɛ kronn, na wotene a, wo enti, ɔbɛma ne ho so seesei na wama wo asi wo dada mu.
sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a, wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren na wama wo asi wo dedaw mu.
7 Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra na daakye woanya ama abu so.
Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra na daakye woanya ama abu so.
8 “Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no, na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.
“Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no, na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,
9 Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee. Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.
na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee, yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.
10 Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo. Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa.
Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana? Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?
11 Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?
So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?
12 Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no, ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.
Bere a ɛrenyin a wontwae no, ɛhyew ntɛm so sen sare.
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.
Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te; saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.
14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.
Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan.
15 Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete; ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.
Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew; oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.
16 Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu. Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so;
Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu, ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so;
17 Ne nhini nyini fa abotan ho, na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu.
Ne ntin nyin fa abotan ho, na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu.
18 Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a, saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’
Nanso sɛ wotu fi ne sibea a, saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’
19 Ampa ara ne nkwa twam, na afifideɛ foforɔ nyini asase no so.
Ampa ara ne nkwa twa mu, na afifide foforo nyin asase no so.
20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm na ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene.
“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.
21 Ɔbɛma woasere bio, na wode ahosɛpɛ ateateam.
Ɔbɛma woaserew bio, na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.
22 Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ, na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”
Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo, na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”