< Hiob 7 >

1 “Asase so som nyɛ den mma onipa anaa? Ne nkwa nna nte sɛ ɔpaani deɛ?
Militia est vita hominis super terram: et sicut dies mercenarii, dies eius.
2 Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,
Sicut servus desiderat umbram, et sicut mercenarius præstolatur finem operis sui:
3 saa ara na wɔatwa abosome hunu ato me hɔ, ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.
Sic et ego habui menses vacuos, et noctes laboriosas enumeravi mihi.
4 Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’ Nanso anadwo twam nkakrankakra, na mepere kɔsi ahemadakye.
Si dormiero, dicam: Quando consurgam? et rursum expectabo vesperam, et replebor doloribus usque ad tenebras.
5 Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma, me honam asɛe na ɛrefiri nsuo.
Induta est caro mea putredine et sordibus pulveris, cutis mea aruit, et contracta est.
6 “Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo.
Dies mei velocius transierunt quam a texente tela succiditur, et consumpti sunt absque ulla spe.
7 Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ; na merennya anigyeɛ bio da.
Memento quia ventus est vita mea, et non revertetur oculus meus ut videat bona.
8 Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio; mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio.
Nec aspiciet me visus hominis: oculi tui in me, et non subsistam.
9 Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no, saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio. (Sheol h7585)
Sicut consumitur nubes, et pertransit: sic qui descenderit ad inferos, non ascendet. (Sheol h7585)
10 Ɔrensane mma ne fie da biara da; nʼatenaeɛ renkae no bio.
Nec revertetur ultra in domum suam, neque cognoscet eum amplius locus eius.
11 “Ɛno enti meremmua mʼano; mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa, mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii.
Quapropter et ego non parcam ori meo, loquar in tribulatione spiritus mei: confabulabor cum amaritudine animæ meæ.
12 Meyɛ ɛpo anaa aboa kɛseɛ a ɔwɔ ebunu mu anaa, na mode me ahyɛ ɔwɛmfoɔ nsa yi?
Numquid mare ego sum, aut cetus, quia circumdedisti me carcere?
13 Sɛ medwene sɛ menya awerɛkyekyerɛ wɔ me mpa so, na mʼakonwa adwodwo mʼanwiinwii ano a,
Si dixero: Consolabitur me lectulus meus, et relevabor loquens mecum in strato meo:
14 ɛno mpo na wode adaeɛso yi me hu na wode anisoadehunu hunahuna me,
Terrebis me per somnia, et per visiones horrore concuties.
15 ɛno enti mepɛ akɔmfohyɛ ne owuo, sene me onipadua yi.
Quam ob rem elegit suspendium anima mea, et mortem ossa mea.
16 Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Monnyaa me; na me nna nka hwee.
Desperavi, nequaquam ultra iam vivam: parce mihi, nihil enim sunt dies mei.
17 “Ɔdasani ne hwan a ne ho hia wo sei, na wʼani ku ne ho,
Quid est homo, quia magnificas eum? aut quid apponis erga eum cor tuum?
18 na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara na wosɔ no hwɛ ɛberɛ biara?
Visitas eum diluculo, et subito probas illum:
19 Worenyi wʼani mfiri me so da, anaasɛ worennyaa me ɛberɛ tiawa bi mpo anaa?
Usquequo non parcis mihi, nec dimittis me ut glutiam salivam meam?
20 Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, Ao adasamma so wɛmfoɔ? Adɛn enti na watu wʼani asi me soɔ? Mayɛ adesoa ama wo anaa?
Peccavi, quid faciam tibi o custos hominum? quare posuisti me contrarium tibi, et factus sum mihimetipsi gravis?
21 Adɛn enti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛre biara, mɛda mfuturo mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na menni hɔ bio.”
Cur non tollis peccatum meum, et quare non aufers iniquitatem meam? ecce, nunc in pulvere dormiam: et si mane me quæsieris, non subsistam.

< Hiob 7 >