< Hiob 6 >

1 Na Hiob buaa sɛ,
Na Hiob buae se,
2 “Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie na me haw nso wɔde agu nsania so a,
“Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdi na me haw nso wɔde agu nsania so a,
3 anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
4 Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
Otumfo agyan no wɔ me mu, me honhom nom ano bɔre no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
5 Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa, na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?
Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana, na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana?
6 Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa, na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa?
So wodi aduan a nkyene nni mu? Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana?
7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduane a ɛte saa no bɔ me yadeɛ.
Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduan a ɛte saa no bɔ me yare.
8 “Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisadeɛ, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me.
“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,
9 Mepɛ sɛ Onyankopɔn dwerɛ me, sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,
sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw me sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,
10 ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi. Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da.
ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi, a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu, ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.
11 “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ? Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso? Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
12 Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa? Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa?
Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana? Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana?
13 Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa? Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi?
So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?
14 “Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ, ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho.
“Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no gyaw Otumfo no ho suro.
15 Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ, wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie
Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow, sɛ nsuwansuwa a eyiri
16 ɛberɛ a sukyerɛmma renane na asukɔtweaa nso redane nsuo,
bere a sukyerɛmma renan na mparuwbo nso redan nsu,
17 nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio na ɔhyew enti nsuo no tu yera.
nanso owiabere mu no ɛsen bio na ɔhyew nti nsu no tu yera.
18 Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase bonini so na wɔwuwu.
Akwantufo man fi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu.
19 Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo, adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo.
Tema akwantufo hwehwɛ nsu, Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.
20 Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri sɛ na wɔwɔ awerɛhyɛmu; wɔduruu hɔ, nanso wɔn anidasoɔ yɛ ɔkwa.
Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu; woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa.
21 Afei wo nso woakyerɛ sɛ wo ho nni mfasoɔ; Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro.
Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso; wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.
22 Maka sɛ, ‘Momma me biribi? Maka sɛ momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika,
So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi, sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,
23 anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam, ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’
sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam, ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’
24 “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ.
“Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomso a mayɛ.
25 Nokorɛka yɛ yea, na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn?
Nokwareka yɛ yaw, na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?
26 Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ, mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa?
So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no, na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana?
27 Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesa dwa.
Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesagua.
28 “Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me. Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa?
“Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me. Metumi adi atoro wɔ mo anim ana?
29 Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea; monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ.
Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew; monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.
30 Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa? Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?
Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana? Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?

< Hiob 6 >