< Hiob 5 >

1 “Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ? Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ?
請ふなんぢ龥びて看よ 誰か汝に應ふる者ありや 聖者の中にて誰に汝むかはんとするや
2 Ahisɛm kum ɔkwasea, na anibereɛ kum atetekwaa.
夫愚なる者は憤恨のために身を殺し 癡き者は嫉媢のために己を死しむ
3 Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ, nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie.
我みづから愚なる者のその根を張るを見たりしがすみやかにその家を詛へり
4 Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware, wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ.
その子等は助援を獲ることなく 門にて惱まさる 之を救ふ者なし
5 Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ, na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo, na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi.
その穡とれる物は饑たる人これを食ひ 荊棘の籬の中にありてもなほ之を奪ひいだし 羂をその所有物にむかひて口を張る
6 Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ mu na ɔhaw nso mmpue mfiri fam.
災禍は塵より起らず 艱難は土より出ず
7 Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu mpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro.
人の生れて艱難をうくるは火の子の上に飛がごとし
8 “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.
もし我ならんには我は必らず神に告求め 我事を神に任せん
9 Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.
神は大にして測りがたき事を行ひたまふ 其不思議なる事を爲たまふこと數しれず
10 Ɔtɔ nsuo gu asase so; na ɔde kɔ wira mu.
雨を地の上に降し 水を野に遣り
11 Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn, na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ.
卑き者を高く擧げ 憂ふる者を引興して幸福ならしめたまふ
12 Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ, ma wɔn nsa si fam.
神は狡しき者の謀計を敗り 之をして何事をもその手に成就ること能はざらしめ
13 Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu, na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.
慧き者をその自分の詭計によりて執へ 邪なる者の謀計をして敗れしむ
14 Esum duru wɔn awia ketee; na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo.
彼らは晝も暗黑に遇ひ 卓午にも夜の如くに摸り惑はん
15 Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu; ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.
神は惱める者を救ひてかれらが口の劍を免かれしめ 強き者の手を免かれしめたまふ
16 Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ, na ntɛnkyea ka nʼano to mu.
是をもて弱き者望あり 惡き者口を閉づ
17 “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no, enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.
神の懲したまふ人は幸福なり 然ば汝全能者の儆責を輕んずる勿れ
18 Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere; ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ.
神は傷け又裹み 撃ていため又その手をもて善醫したまふ
19 Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu; nson so, a bɔne biara renka wo.
彼はなんぢを六の艱難の中にて救ひたまふ 七の中にても災禍なんぢにのぞまじ
20 Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano.
饑饉の時にはなんぢを救ひて死を免れしめ 戰爭の時には劍の手を免れしめたまふ
21 Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.
汝は舌にて鞭たるる時にも隱るることを得 壞滅の來る時にも懼るること有じ
22 Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm; na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa.
汝は壞滅と饑饉を笑ひ地の獸をも懼るること無るべし
23 Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam, na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.
田野の石なんぢと相結び野の獸なんぢと和がん
24 Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ; na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.
汝はおのが幕屋の安然なるを知ん 汝の住處を見まはるに缺たる者なからん
25 Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ.
汝また汝の子等の多くなり 汝の裔の地の草の如くになるを知ん
26 Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu, te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.
汝は遐齡におよびて墓にいらん 宛然麥束を時にいたりて運びあぐるごとくなるべし
27 “Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛ ɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”
視よ我らが尋ね明めし所かくのごとし 汝これを聽て自ら知れよ

< Hiob 5 >