6Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
7Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no.
8Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.”
9Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.
10Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.
11Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa.