< Hiob 41 >

1 “Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?
¿Puedes tú sacar con un anzuelo el cocodrilo, atar con una cuerda su lengua?
2 Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu, anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?
¿Pondrás una soga en su nariz, y perforarás con garfio su quijada?
3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa? Ɔne wo bɛkasa brɛoo?
¿Se acercará a ti con palabras sumisas o te hablará con lisonjas?
4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?
¿Hará un pacto contigo para que lo tomes como esclavo perpetuo?
5 Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?
¿Jugarás con él como con un pájaro? ¿Lo atarás para entretener a tus niñas?
6 Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?
¿Los comerciantes harán negocio por él? ¿Lo cortarán en trozos entre los mercaderes?
7 Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?
¿Podrás abrirle el cuero con lancetas, o su cabeza con arpones?
8 Wode wo nsa ka no a, wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!
Pon tu mano sobre él. Recuerda la batalla con él. No lo volverás a hacer.
9 Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.
Ciertamente la esperanza de esta pelea queda frustrada. Un hombre desfallece con solo verlo.
10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no. Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
Nadie se atreve a despertarlo. ¿Entonces quién puede estar en pie delante de Mí?
11 Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.
¿Quién me dio primero a Mí, para que Yo le restituya? Todo lo que hay debajo del cielo es mío.
12 “Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.
No guardaré silencio acerca de sus miembros, ni de su gran fuerza ni de su excelente figura.
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma, na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
¿Quién levanta la primera capa de su envoltura y penetra a través de su doble coraza?
14 Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan, a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
¿Quién abre la parte posterior de su boca rodeada de dientes espantosos?
15 Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ, ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;
Sus fuertes escamas son su orgullo, cerradas entre sí como firme sello,
16 sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti, mframa biara mfa ntam.
tan unidas la una con la otra que ni el aire pasa entre ellas.
17 Ɛtoatoa mu dendeenden a emu ntumi ntete.
Están soldadas, cada una a su vecina, trabadas entre sí, no se pueden separar.
18 Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya; nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann.
Su estornudo lanza destellos de luz. Sus ojos son como los párpados de la aurora.
19 Egyatɛn turi firi nʼanom na nsramma turituri firi mu.
De la parte posterior de su boca salen llamaradas y se escapan centellas de fuego.
20 Wisie tene firi ne hwene mu te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.
De sus fosas nasales sale vapor como el de una olla que hierve al fuego.
21 Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ, na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.
Su aliento enciende los carbones. Salen llamaradas de las partes posteriores de su boca.
22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.
En su nuca se asienta la fuerza. Ante él cunde el terror.
23 Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee; ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.
Los pliegues de su carne son compactos. Están firmes en él y no se mueven.
24 Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan; ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ.
Su corazón es duro como la piedra, como la piedra inferior de un molino.
25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa; sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane.
Cuando se levanta, tiemblan los valientes, y por el quebrantamiento, retroceden.
26 Akofena wɔ no a, ɛnka no, pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
La espada no lo alcanza, ni la lanza, ni la lanceta, ni la flecha, ni la lanza arrojadiza.
27 Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi na kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no.
Para él el hierro es como pasto, y el bronce, madera carcomida.
28 Agyan mma no nnwane; ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
No lo ahuyentan las flechas. Las piedras de la honda le son como rastrojo.
29 Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so; na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.
Los garrotes le son como hojarasca. Se burla del brillo del arma arrojadiza.
30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.
Por debajo tiene conchas puntiagudas, se extiende como un trillo sobre el lodo.
31 Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.
Hace lo profundo del mar hervir como una olla. Lo convierte como una olla de ungüento.
32 Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ; na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.
Detrás de él brilla una estela de agua como barba encanecida.
33 Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ. Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.
Nada hay semejante a él sobre la tierra. Fue hecho exento de temor.
34 Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.”
Menosprecia todo lo elevado. Es rey de todos los hijos del orgullo.

< Hiob 41 >