< Hiob 40 >

1 Afei Awurade buaa Hiob sɛ,
ויען יהוה את-איוב ויאמר
2 “Deɛ ɔne Otumfoɔ no wɔ asɛm no bɛtene ne so anaa? Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”
הרב עם-שדי יסור מוכיח אלוה יעננה
3 Na Hiob buaa Awurade sɛ,
ויען איוב את-יהוה ויאמר
4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ? Mede me nsa memua mʼano.
הן קלתי מה אשיבך ידי שמתי למו-פי
5 Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ mprenu so, na merenkasa bio.”
אחת דברתי ולא אענה ושתים ולא אוסיף
6 Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ,
ויען-יהוה את-איוב מנסערה (מן סערה) ויאמר
7 “Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wobua me.
אזר-נא כגבר חלציך אשאלך והודיעני
8 “Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa? Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem?
האף תפר משפטי תרשיעני למען תצדק
9 Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ, na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ?
ואם-זרוע כאל לך ובקול כמהו תרעם
10 Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fira anidie ne kɛseyɛ.
עדה נא גאון וגבה והוד והדר תלבש
11 Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,
הפץ עברות אפך וראה כל-גאה והשפילהו
12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ.
ראה כל-גאה הכניעהו והדך רשעים תחתם
13 Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu; kata wɔn anim wɔ damena mu.
טמנם בעפר יחד פניהם חבש בטמון
14 Na afei mʼankasa mɛgye atom sɛ wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa.
וגם-אני אודך כי-תושע לך ימינך
15 “Hwɛ susono, deɛ meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe ɛserɛ te sɛ ɔnantwie.
הנה-נא בהמות אשר-עשיתי עמך חציר כבקר יאכל
16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu!
הנה-נא כחו במתניו ואונו בשרירי בטנו
17 Ne dua hinhim sɛ ntweneduro; ne srɛ mu ntini yɛ peperee.
יחפץ זנבו כמו-ארז גידי פחדו ישרגו
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn, nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban.
עצמיו אפיקי נחשה גרמיו כמטיל ברזל
19 Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so.
הוא ראשית דרכי-אל העשו יגש חרבו
20 Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no, na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ.
כי-בול הרים ישאו-לו וכל-חית השדה ישחקו-שם
21 Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda, na atɛkyɛ mu demmire akata no so.
תחת-צאלים ישכב-- בסתר קנה ובצה
22 Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so; na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia.
יסכהו צאלים צללו יסבוהו ערבי-נחל
23 Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw.
הן יעשק נהר לא יחפוז יבטח כי-יגיח ירדן אל-פיהו
24 Obi bɛtumi akye no animono; anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?
בעיניו יקחנו במוקשים ינקב-אף

< Hiob 40 >