< Hiob 39 >

1 “Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ? Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?
“So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo? Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?
2 Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn? Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?
So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn? Wunim bere a wɔwo ana?
3 Wɔkoto wowo wɔn mma; na wɔn awokoɔ yea to twa.
Wɔkotow wowo wɔn mma; wɔn awoko yaw to twa.
4 Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram; na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.
Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram; na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.
5 “Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die? Hwan na ɔsanee ne nhoma?
“Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di? Hena na ɔsan ne hama?
6 Mede asase bonini maa no sɛ ne fie, ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ.
Mede asase kesee maa no sɛ ne fi, ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.
7 Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no; na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.
Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ; na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.
8 Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea; ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.
Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.
9 “Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?
“Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?
10 Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so? Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?
Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana? Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?
11 Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?
Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti? Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?
12 Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?
Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?
13 “Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so, nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.
“Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so, nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.
14 Ɔto ne nkosua gu asase so ma mfuturo ka no hye,
Ɔtow ne nkesua gu asase so ma mfutuma ka no hyew,
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no, sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so.
ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no, sɛ wuram aboa bi betiatia so.
16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea; ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa,
Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea; ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,
17 ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa, wamma no nhunumu biara.
efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa wamma no nhumu biara.
18 Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.
Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a, ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?
“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?
20 Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ, na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?
Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi, na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?
21 Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
22 Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara; ɔhunu akofena a ɔnnwane.
Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara; ohu afoa a onguan.
23 Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu, na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu, na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
24 Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam; na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.
Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam; na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.
25 Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’ ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri, ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.
Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’ ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri, ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.
26 “Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?
“Wo nyansa na ɛma akoroma tu na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?
27 Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro kɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ?
Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?
28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda; ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden.
Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda; ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.
29 Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane; nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.
Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan; nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.
30 Mogya yɛ ne mma aduane, na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”
Mogya yɛ ne mma aduan, na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”

< Hiob 39 >