< Hiob 38 >

1 Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ,
ויען-יהוה את-איוב מנהסערה (מן הסערה) ויאמר
2 “Hwan ne deɛ ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu katakata mʼafotuo so?
מי זה מחשיך עצה במלין-- בלי-דעת
3 Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na wobɛyi mʼano.
אזר-נא כגבר חלציך ואשאלך והודיעני
4 “Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wonim a, ka ɛ.
איפה היית ביסדי-ארץ הגד אם-ידעת בינה
5 Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim! Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani?
מי-שם ממדיה כי תדע או מי-נטה עליה קו
6 Ɛdeɛn so na ɛgyina, anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no,
על-מה אדניה הטבעו או מי-ירה אבן פנתה
7 ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no?
ברן-יחד כוכבי בקר ויריעו כל-בני אלהים
8 “Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi, ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu,
ויסך בדלתים ים בגיחו מרחם יצא
9 ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ na mede esum kabii kyekyeree noɔ,
בשומי ענן לבשו וערפל חתלתו
10 ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ na mesisii nʼapono ne nʼadaban,
ואשבר עליו חקי ואשים בריח ודלתים
11 ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’?
ואמר--עד-פה תבוא ולא תסיף ופא-ישית בגאון גליך
12 “Woahyɛ mmara ama adekyeeɛ da? Anaa woakyerɛ no nʼafa,
המימיך צוית בקר ידעתה שחר (ידעת השחר) מקמו
13 sɛ ɛnkɔka asase ano na ɛntu amumuyɛfoɔ mfiri so?
לאחז בכנפות הארץ וינערו רשעים ממנה
14 Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase; na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ.
תתהפך כחמר חותם ויתיצבו כמו לבוש
15 Wɔde amumuyɛfoɔ hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔapagya no mu abu.
וימנע מרשעים אורם וזרוע רמה תשבר
16 “Woapɛɛpɛɛ mu ahunu nsutire a ɛpo firi mu ba anaa woanante ne bunu mu?
הבאת עד-נבכי-ים ובחקר תהום התהלכת
17 Wɔde owuo apono akyerɛ wo? Woahunu owuo sunsumma apono anaa?
הנגלו לך שערי-מות ושערי צלמות תראה
18 Woate ewiase a ɛda hɔ hahanaa no ase anaa? Sɛ wonim yeinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
התבננת עד-רחבי-ארץ הגד אם-ידעת כלה
19 “Ɛhe na hann firi ba? Na ɛhe na esum nso kɔ?
אי-זה הדרך ישכן-אור וחשך אי-זה מקמו
20 Wobɛtumi de wɔn akɔ wɔn siberɛ? Wonim akwan a ɛkɔ wɔn atenaeɛ?
כי תקחנו אל-גבולו וכי-תבין נתיבות ביתו
21 Ampa ara wonim, ɛfiri sɛ na woawo wo dada. Woanyini yie!
ידעת כי-אז תולד ומספר ימיך רבים
22 “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da, anaa woahunu asukɔtweaa adekoradan
הבאת אל-אצרות שלג ואוצרות ברד תראה
23 a makora so ama ahohiahia berɛ, ɔsa ne akodie nna?
אשר-חשכתי לעת-צר ליום קרב ומלחמה
24 Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba, anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so?
אי-זה הדרך יחלק אור יפץ קדים עלי-ארץ
25 Hwan na ɔtwaa ɛka maa osubransam, ne ɛkwan maa aprannaa mmobom,
מי-פלג לשטף תעלה ודרך לחזיז קלות
26 sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte soɔ so, anweatam a obiara nni soɔ,
להמטיר על-ארץ לא-איש-- מדבר לא-אדם בו
27 na ama asase bonini a ɛyɛ wesee yi afɔ na ɛserɛ afifiri so?
להשביע שאה ומשאה ולהצמיח מצא דשא
28 Osutɔ wɔ agya anaa? Hwan na ɔyɛ agya ma obosuo?
היש-למטר אב או מי-הוליד אגלי-טל
29 Hwan yafunu mu na nsukyeneeɛ fire? Hwan na ɔwoo nsukyeneeɛ mporoporowa firi soro
מבטן מי יצא הקרח וכפר שמים מי ילדו
30 ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ, na ebunu ani kyene?
כאבן מים יתחבאו ופני תהום יתלכדו
31 “Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma? Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa?
התקשר מעדנות כימה או-משכות כסיל תפתח
32 Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ?
התציא מזרות בעתו ועיש על-בניה תנחם
33 Wonim mmara a ɛfa ewiem ho? Wobɛtumi de Onyankopɔn ahennie aba asase so?
הידעת חקות שמים אם-תשים משטרו בארץ
34 “Wobɛtumi ama wo nne aduru omununkum so na wode nsuo akata wo ho anaa?
התרים לעב קולך ושפעת-מים תכסך
35 Wobɛtumi ama anyinam atwa? Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnnie anaa’?
התשלח ברקים וילכו ויאמרו לך הננו
36 Hwan na ɔde nyansa ma akoma anaasɛ ɔde nteaseɛ hyɛ adwene mu.
מי-שת בטחות חכמה או מי-נתן לשכוי בינה
37 Hwan na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? Hwan na ɔbɛtumi akyea ɔsoro nsuo nkotokuo,
מי-יספר שחקים בחכמה ונבלי שמים מי ישכיב
38 ɛberɛ a mfuturo ayɛ den ama dɔteɛ atɔatɔ keka bɔ mu.
בצקת עפר למוצק ורגבים ידבקו
39 “Wokɔ ahayɔ ma gyatabereɛ ma agyata didi mee
התצוד ללביא טרף וחית כפירים תמלא
40 ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn abɔn ano anaasɛ wɔtetɛ nnɔtɔ ase?
כי-ישחו במעונות ישבו בסכה למו-ארב
41 Hwan na ɔma anene aduane ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn na wɔkyinkyini pɛ aduane?
מי יכין לערב צידו כי-ילדו אל-אל ישועו יתעו לבלי-אכל

< Hiob 38 >