< Hiob 37 >

1 “Yei ma mʼakoma bɔ paripari na ɛbɔ denden pa ara.
At this also my heart trembleth, and is moved out of its place.
2 Tie! Tie ne nne mmobom, ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.
Hear attentively the noise of his voice, and the sound [that] goeth out of his mouth.
3 Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ɛkɔduru asase ano.
He directeth it under the whole heaven, and his lightning to the ends of the earth.
4 Ɛno akyi na ne mmobom no ba; ɔde nne kɛseɛ bobom. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no.
After it a voice roareth: he thundereth with the voice of his excellence; and he will not stay them when his voice is heard.
5 Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa; ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.
God thundereth marvelously with his voice; great things he doeth, which we cannot comprehend.
6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’ ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’
For he saith to the snow, Be thou [on] the earth; likewise to the small rain, and to the great rain of his strength.
7 Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti, ɔma obiara gyae nʼadwuma.
He sealeth up the hand of every man; that all men may know his work.
8 Wiram mmoa kɔtetɛ; wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.
Then the beasts go into dens, and remain in their places.
9 Ahum tu firi ne pia mu, na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.
From the south cometh the whirlwind: and cold from the north.
10 Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba, na nsuo hahanaa no kyene.
By the breath of God frost is given: and the breadth of the waters is straitened.
11 Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma; na ɔtwa nʼanyinam fa mu.
Also by watering he wearieth the thick cloud: he scattereth his bright cloud:
12 Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini fa asase so nyinaa so hyia yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara.
And it is turned around by his counsels: that they may do whatever he commandeth them upon the face of the world on the earth.
13 Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso, anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.
He causeth it to come, whether for correction, or for his land, or for mercy.
14 “Tie yei, Hiob; gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.
Hearken to this, O Job: stand still, and consider the wondrous works of God.
15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum, na ɔma anyinam tete firi mu?
Dost thou know when God disposed them, and caused the light of his cloud to shine?
16 Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem, deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?
Dost thou know the balancings of the clouds, the wondrous works of him who is perfect in knowledge?
17 Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no,
How thy garments [are] warm, when he quieteth the earth by the south [wind]?
18 wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem, a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?
Hast thou with him spread out the sky [which is] strong, [and] as a molten looking-glass?
19 “Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti.
Teach us what we shall say to him; [for] we cannot order [our speech] by reason of darkness.
20 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa? Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa?
Shall it be told him that I speak? If a man shall speak, surely he will be swallowed up.
21 Obiara rentumi nhwɛ owia, sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiem ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.
And now [men] see not the bright light which [is] in the clouds: but the wind passeth, and cleanseth them.
22 Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu.
Fair weather cometh from the north: with God [is] terrible majesty.
23 Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ; nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.
[Touching] the Almighty, we cannot find him out: [he is] excellent in power, and in judgment, and in abundance of justice: he will not afflict.
24 Ɛno enti nnipa de anidie ma no, na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.”
Men therefore fear him: he respecteth not any [that are] wise of heart.

< Hiob 37 >