< Hiob 35 >

1 Afei, Elihu kaa sɛ:
۱
2 “Wogye di sɛ yei fata? Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’
«آیا این را انصاف می‌شماری که گفتی من از خدا عادل تر هستم؟۲
3 Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’
زیرا گفته‌ای برای توچه فایده خواهد شد، و به چه چیز بیشتر از گناهم منفعت خواهم یافت.۳
4 “Mepɛ sɛ mebua wo ne wo nnamfonom nyinaa.
من تو را جواب می‌گویم ورفقایت را با تو.۴
5 Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa.
به سوی آسمانها نظر کن و ببین وافلاک را ملاحظه نما که از تو بلندترند.۵
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?
اگر گناه کردی به او چه رسانیدی؟ و اگر تقصیرهای تو بسیار شد برای وی چه کردی؟۶
7 Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?
اگر بی‌گناه شدی به او چه بخشیدی؟ و یا از دست تو چه چیز را گرفته است؟۷
8 Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wo na wo tenenee pira nnipa mma nko ara.
شرارت تو به مردی چون تو (ضرر می‌رساند) و عدالت تو به بنی آدم (فایده می‌رساند).۸
9 “Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase; na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.
از کثرت ظلمها فریاد برمی آورند واز دست زورآوران استغاثه می‌کنند،۹
10 Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ, deɛ ɔma nnwom anadwo no,
و کسی نمی گوید که خدای آفریننده من کجا است که شبانگاه سرودها می‌بخشد۱۰
11 deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’
و ما را از بهایم زمین تعلیم می‌دهد، و از پرندگان آسمان حکمت می‌بخشد.۱۱
12 Sɛ nnipa su team a, ɔmmua, amumuyɛfoɔ ahantan enti.
پس به‌سبب تکبر شریران فریادمی کنند اما او اجابت نمی نماید،۱۲
13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfoɔ remmu.
زیرا خدابطالت را نمی شنود و قادر مطلق برآن ملاحظه نمی فرماید.۱۳
14 Woka sɛ wonhunu no, nanso sɛ wotwɛn no a, ɔde atɛntenenee bɛba enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no.
هرچند می‌گویی که او رانمی بینم، لیکن دعوی در حضور وی است پس منتظر او باش.۱۴
15 Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mma na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.
و اما الان از این سبب که درغضب خویش مطالبه نمی کند و به کثرت گناه اعتنا نمی نماید،۱۵
16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu; nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.”
از این جهت ایوب دهان خودرا به بطالت می‌گشاید و بدون معرفت سخنان بسیار می‌گوید.»۱۶

< Hiob 35 >