< Hiob 34 >

1 Afei Elihu kaa sɛ,
And Elihu made answer and said,
2 “Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm; mo animdefoɔ monyɛ aso mma me.
Give ear, you wise, to my words; and you who have knowledge, give attention to me;
3 Ɛfiri sɛ aso sɔ nsɛm hwɛ sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no.
For words are tested by the ear, as food is tasted by the mouth.
4 Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn. Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ.
Let us make the decision for ourselves as to what is right; let us have the knowledge among ourselves of what is good.
5 “Hiob kaa sɛ, ‘Me ho nni asɛm, nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea.
For Job has said, I am upright, and it is God who has taken away my right;
6 Ɛwom sɛ mʼasɛm da ɛkwan mu, nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ; ɛwom sɛ menyɛɛ bɔne biara, nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.’
Though I am right, still I am in pain; my wound may not be made well, though I have done no wrong.
7 Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?
What man is like Job, a man who freely makes sport of God,
8 Ɔne amumuyɛfoɔ nante; na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ.
And goes in the company of evil-doers, walking in the way of sinners?
9 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔnnya ho mfasoɔ biara.’
For he has said, It is no profit to a man to take delight in God.
10 “Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me. Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ.
Now then, you wise, take note; you men of knowledge, give ear to me. Let it be far from God to do evil, and from the Ruler of all to do wrong.
11 Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka; deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.
For he gives to every man the reward of his work, and sees that he gets the fruit of his ways.
12 Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn, na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ.
Truly, God does not do evil, and the Ruler of all is not a false judge.
13 Hwan na ɔde no sii asase so? Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
Who put the earth into his care, or made him responsible for the world?
14 Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a,
If he made his spirit come back to him, taking his breath into himself again,
15 anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.
All flesh would come to an end together, and man would go back to the dust.
16 “Sɛ mowɔ nhunumu a, montie yei; montie deɛ meka.
If you are wise, take note of this; give ear to the voice of my words.
17 Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so? Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no fɔ anaa?
How may a hater of right be a ruler? and will you say that the upright Ruler of all is evil?
18 Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo sɛ, ‘Mo ho nni mfasoɔ,’ na ɔka kyerɛɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ atirimuɔdenfoɔ’?
He who says to a king, You are an evil-doer; and to rulers, You are sinners;
19 Ɔnhwɛ mmapɔmma anim na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.
Who has no respect for rulers, and who gives no more attention to those who have wealth than to the poor, for they are all the work of his hands.
20 Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, wɔ anadwo dasuo mu; nnipa no ho woso na wɔsene kɔ; ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa.
Suddenly they come to an end, even in the middle of the night: the blow comes on the men of wealth, and they are gone, and the strong are taken away without the hand of man.
21 “Nʼani hwɛ nnipa akwan; na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara.
For his eyes are on the ways of a man, and he sees all his steps.
22 Baabiara nni hɔ a aduru sum, esum kabii, a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta.
There is no dark place, and no thick cloud, in which the workers of evil may take cover.
23 Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo.
For he does not give man a fixed time to come before him to be judged.
24 Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu.
He sends the strong to destruction without searching out their cause, and puts others in their place.
25 Ɛfiri sɛ ɔhunu wɔn nneyɛeɛ, ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn.
For he has knowledge of their works, overturning them in the night, so that they are crushed.
26 Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so ka wɔ baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn,
The evil-doers are broken by his wrath, he puts his hand on them with force before the eyes of all onlookers.
27 ɛfiri sɛ, wɔmane firii nʼakyi kɔeɛ na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.
Because they did not go after him, and took no note of his ways,
28 Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.
So that the cry of the poor might come up to him, and the prayer of those in need come to his ears.
29 Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no? Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,
30 ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene, sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie.
31 “Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.
32 Kyerɛ me na menhunu; na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’
33 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka, wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa? Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me; enti ka deɛ wonim kyerɛ me.
34 “Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka, animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ,
Men of knowledge, and all wise men, hearing me, will say,
35 ‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’
Job's words do not come from knowledge; they are not the fruit of wisdom.
36 Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ, ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ!
May Job be tested to the end, because his answers have been like those of evil men.
37 Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”
For in addition to his sin, he is uncontrolled in heart; before our eyes he makes sport of God, increasing his words against him.

< Hiob 34 >