< Hiob 32 >
1 Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri sɛ, na ɔtene wɔ ɔno ara ani so.
So these three men ceased to respond to Job, because, he, was righteous in their eyes.
2 Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem.
Then was kindled the anger of Elihu, son of Barachel the Buzite of the family of Ram, —against Job, was kindled his anger, because he justified his own soul rather than God;
3 Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ.
and, against his three friends, was kindled his anger, —because that they found not a response, and condemned God.
4 Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no.
But, Elihu, had waited for Job with words, because the others were older than he.
5 Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ.
Howbeit, when Elihu saw that there was no response in the mouth of the three men, then was kindled his anger.
6 Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ, “Meyɛ abɔfra, na moyɛ mpanimfoɔ; ɛno enti na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
So then Elihu, son of Barachel, the Buzite, responded and said: —Young, am I, whereas, ye, are aged, For this cause, I faltered, and feared—to shew my knowledge unto you:
7 Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’
I said, Days, should speak, —and, the multitude of years, should make known wisdom.
8 Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.
Yet surely, there is a spirit in men, and, the inspiration of the Almighty, giveth them understanding;
9 Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.
Great men, may not be wise, nor, elders, understand justice.
10 “Enti mese: Montie me; me nso mɛka mʼadwene.
Therefore, I said, Hearken unto me, I will show my knowledge—even I.
11 Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa, metiee mo adwenkyerɛ; ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,
Lo! I waited for your words, I kept giving ear for your reasons, until ye should search out what to say;
12 meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ; mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.
Yea, unto you, gave I diligent heed, —But lo! there was, for Job, nothing to convince, nor could you of you answer his speeches.
13 Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa; Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’
Lest ye should say, We have found out wisdom. GOD, must put him to flight, not man.
14 Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a, anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.
Since he directed not to me discourse, therefore, with your speeches, will I not reply to him.
15 “Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio; mo nsɛm asa.
They were dismayed, they responded no more, they suffered speech to forsake them;
16 Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi, saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?
Though I waited, yet could they not speak, Surely they came to a stand, they responded no more.
17 Me nso mɛka bi me nso mɛka mʼadwene.
I will respond, even I—on my part, I will shew my knowledge, even I!
18 Ɛfiri sɛ, nsɛm ahyɛ mʼanomu ma, na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;
For I am full of discourse, The spirit in my bosom, presseth me on.
19 Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu; Me te sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae.
Lo! my bosom, is like wine not opened, Like new wine-skins, it will burst.
20 Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; ɛsɛ sɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ.
I will speak, that I may freely breathe, I will open my lips and respond.
21 Merenyɛ animhwɛ na merenkorɔkorɔ obiara.
Let me be partial to no man, and, unto no son of earth, give flattering titles,
22 Na sɛ makwadare akorɔkorɔ mu a, anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri hɔ ntɛm so.
Surely I know not how to give flattering titles, How soon might my Maker take me away!