< Hiob 30 >

1 “Nanso seesei wɔsere me, nnipa a manyini sene wɔn, na wɔn agyanom mfata sɛ wɔne me nnwan ho nkraman tena.
But now they that are younger than I hold me in derision, Whose fathers I would have disdained to set with the dogs of my flock.
2 Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?
Of what use to me would be even the strength of their hands, To whom old age is lost?
3 Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete, wɔnante asase wesee ne asase bonini so anadwo.
By want and hunger they are famished; They gnaw the dry desert, The darkness of desolate wastes.
4 Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.
They gather purslain among the bushes, And the root of the broom is their bread.
5 Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu, na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ.
They are driven from the society of men; There is a cry after them as after a thief.
6 Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo, abotan ne ɛfam ntokuro mu.
They dwell in gloomy valleys, In caves of the earth and in rocks.
7 Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiram na wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase.
They bray among the bushes; Under the brambles are they stretched out.
8 Ekuo a wɔmfra na wɔnni din, wɔpam wɔn firii asase no so.
An impious and low-born race, They are beaten out of the land.
9 “Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu.
And now I am become their song; Yea, I am their by-word!
10 Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.
They abhor me, they stand aloof from me; They forbear not to spit before my face.
11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.
Yea, they let loose the reins, and humble me; They cast off the bridle before me.
12 Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so; wɔsum me nan mfidie, na wɔsisi apie tia me.
On my right hand riseth up the brood; They thrust away my feet; They cast up against me their destructive ways.
13 Wɔsisi mʼakwan; na wɔnya me sɛe me na obiara mmoa me.
They break up my path; They hasten my fall, —They who have no helper!
14 Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu; wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.
They come upon me as through a wide breach; Through the ruins they rush in upon me.
15 Ahunahuna ma me ho dwiri me; mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu, me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.
Terrors are turned against me; They pursue my prosperity like the wind, And my welfare passeth away like a cloud.
16 “Na seesei, me nkwa resa; na amanehunu nna akyekyere me.
And now my soul poureth itself out upon me; Days of affliction have taken hold of me.
17 Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyea a ɛwe me no nnyae.
By night my bones are pierced; they are torn from me, And my gnawers take no rest.
18 Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me; ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.
Through the violence of my disease is my garment changed; It bindeth me about like the collar of my tunic.
19 Ɔto me twene atɛkyɛ mu na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ.
He hath cast me into the mire, And I am become like dust and ashes.
20 “Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
I call upon Thee, but thou dost not hear me; I stand up before thee, but thou regardest me not.
21 Woba me so anibereɛ so; wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.
Thou art become cruel to me; With thy strong hand dost thou lie in wait for me.
22 Wohwim me na wode mframa pia me; wodankyidankyi me wɔ ahum mu.
Thou liftest me up, and causest me to ride upon the wind; Thou meltest me away in the storm.
23 Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu, baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.
I know that thou wilt bring me to death, To the place of assembly for all the living.
24 “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
When He stretcheth out his hand, prayer availeth nothing; When He bringeth destruction, vain is the cry for help.
25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa? Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?
Did not I weep for him that was in trouble? Was not my soul grieved for the poor?
26 Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ; ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.
But when I looked for good, then evil came; When I looked for light, then came darkness.
27 Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
My bowels boil, and have no rest; Days of anguish have come upon me.
28 Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me; megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa.
I am black, but not by the sun; I stand up, and utter my cries in the congregation.
29 Madane nnompo nuabarima, me ne apatuo na ɛbɔ.
I am become a brother to jackals, And a companion to ostriches.
30 Me honam ani abiri na ɛhwanehwane; huraeɛ ama me ho adɔ.
My skin is black, and falleth from me, And my bones burn with heat.
31 Me sankuo bɔ kwadwom, na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.
My harp also is turned to mourning, And my pipe to notes of grief.

< Hiob 30 >