< Hiob 3 >

1 Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no.
After this hath Job opened his mouth, and revileth his day.
2 Ɔkaa sɛ,
And Job answereth and saith: —
3 “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkaa sɛ, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
Let the day perish in which I am born, And the night that hath said: 'A man-child hath been conceived.'
4 Saa ɛda no nnuru sum; mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.
That day — let it be darkness, Let not God require it from above, Nor let light shine upon it.
5 Ma esum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na esum mmunkam ne hann so.
Let darkness and death-shade redeem it, Let a cloud tabernacle upon it, Let them terrify it as the most bitter of days.
6 Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu.
That night — let thick darkness take it, Let it not be united to days of the year, Into the number of months let it not come.
7 Saa anadwo no nyɛ obonini; mma wɔnnte anigyeɛ nteam wɔ mu.
Lo! that night — let it be gloomy, Let no singing come into it.
8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no.
Let the cursers of day mark it, Who are ready to wake up Leviathan.
9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan,
Let the stars of its twilight be dark, Let it wait for light, and there is none, And let it not look on the eyelids of the dawn.
10 ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me, anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.
Because it hath not shut the doors Of the womb that was mine! And hide misery from mine eyes.
11 “Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ, ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no?
Why from the womb do I not die? From the belly I have come forth and gasp!
12 Adɛn enti na nkotodwe gyee me ne nufoɔ sɛ mennum?
Wherefore have knees been before me? And what [are] breasts, that I suck?
13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu; anka mada regye mʼahome
For now, I have lain down, and am quiet, I have slept — then there is rest to me,
14 me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ, wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no,
With kings and counsellors of earth, These building wastes for themselves.
15 me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma.
Or with princes — they have gold, They are filling their houses [with] silver.
16 Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me sɛ ɔpɔn ba, te sɛ abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da?
(Or as a hidden abortion I am not, As infants — they have not seen light.)
17 Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ, na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ.
There the wicked have ceased troubling, And there rest do the wearied in power.
18 Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie; na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio.
Together prisoners have been at ease, They have not heard the voice of an exactor,
19 Nketewa ne akɛseɛ wɔ hɔ, na akoa de ne ho firi ne wura nsam.
Small and great [are] there the same. And a servant [is] free from his lord.
20 “Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann, na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa?
Why giveth He to the miserable light, and life to the bitter soul?
21 Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma. Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ.
Who are waiting for death, and it is not, And they seek it above hid treasures.
22 Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.
Who are glad — unto joy, They rejoice when they find a grave.
23 Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a ɔnni daakye, deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
To a man whose way hath been hidden, And whom God doth shut up?
24 Ahomekokoguo adane mʼaduane; na mʼapinisie gu te sɛ nsuo.
For before my food, my sighing cometh, And poured out as waters [are] my roarings.
25 Deɛ na mesuro no aba me so; deɛ na ɛbɔ me hu no ato me.
For a fear I feared and it meeteth me, And what I was afraid of doth come to me.
26 Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ; menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara.”
I was not safe — nor was I quiet — Nor was I at rest — and trouble cometh!

< Hiob 3 >