< Hiob 29 >
Још настави Јов беседу своју и рече:
2 “Mafe abosome a atwam no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,
О да бих био као пређашњих месеца, као оних дана кад ме Бог чуваше,
3 ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea menantee esum mu no!
Кад светљаше свећом својом над главом мојом, и при виделу Његовом хођах по мраку,
4 Ao, ɛnna a mesii soɔ no, ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,
Како бејах за младости своје, кад тајна Божија беше у шатору мом,
5 ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia,
Кад још беше Свемогући са мном, и деца моја око мене,
6 ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan na abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.
Кад се траг мој обливаше маслом, и стена ми точаше уље потоцима,
7 “Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano mekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,
Кад излажах на врата кроз град, и на улици намештах себи столицу:
8 mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn na mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;
Младићи видећи ме уклањаху се, а старци устајаху и стајаху,
9 atitire gyae kasa na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
Кнезови престајаху говорити и метаху руку на уста своја,
10 mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.
Управитељи устезаху глас свој и језик им пријањаше за грло.
11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,
Јер које ме ухо чујаше, називаше ме блаженим; и које ме око виђаше, сведочаше ми
12 ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa, ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.
Да избављам сиромаха који виче, и сироту и који нема никог да му помогне;
13 Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me; na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.
Благослов оног који пропадаше долажаше на ме, и удовици срце распевах;
14 Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ; atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.
У правду се облачих и она ми беше одело, као плашт и као венац беше ми суд мој.
15 Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ, ne ɛnan maa abubuafoɔ.
Око бејах слепом и нога хромом.
16 Meyɛɛ ahiafoɔ agya; na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.
Отац бејах убогима, и разбирах за распру за коју не знах.
17 Mebubuu amumuyɛfoɔ se na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.
И разбијах кутњаке неправеднику, и из зуба му истрзах грабеж.
18 “Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu, na me nna adɔɔso sɛ anwea.
Зато говорах: У свом ћу гнезду умрети, и биће ми дана као песка.
19 Me nhini bɛduru nsuo ano, na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
Корен мој пружаше се крај воде, роса биваше по сву ноћ на мојим гранама.
20 Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so, na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’
Слава моја подмлађиваше се у мене, и лук мој у руци мојој понављаше се.
21 “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me, wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.
Слушаху ме и чекаху, и ћутаху на мој савет.
22 Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.
После мојих речи нико не проговараше, тако их натапаше беседа моја.
23 Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.
Јер ме чекаху као дажд, и уста своја отвараху као на позни дажд.
24 Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn; mʼanimteɛ som bo ma wɔn.
Кад бих се насмејао на њих, не вероваху, и сјајност лица мог не разгоњаху.
25 Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.
Кад бих отишао к њима, седах у зачеље, и бејах као цар у војсци, кад теши жалосне.